Nana Marfo Amaniampong

Nana Amaniampong Marfo (wɔwoo no 6 Oforisuo 1957) yɛ Ghana amammuifoɔ na ɔyɛ Ghana Ɔmanpanin a ɛtɔ so nnan Mmarahyɛbɛdwa a ɛtɔ so 6 no muni.[1]

This page has been nominated for speedy deletion.
The reason given is "Test page".If you disagree with its speedy deletion, please explain why on its talk page. If this page obviously does not meet the criteria for speedy deletion, or you intend to fix it, please remove this notice, but do not remove this notice from a page that you have created yourself.

Administrators, remember to check if anything links here and the page history (last edit) before deletion.

Nana Amaniampong Marfo
Awo bereMarch 6, 1957 ( age 66)
Sukuu a w'akɔSt. Augustine's College
N'adwumaMemeber of Parliament
Political partyNew Patriotic Party

Abrabɔ ahyiase ne nwomasua sesa

Marfo nyaa ne GCE O level adansedie krataa wɔ Tetrem Sukuu mu na ne GCE A level wɔ St. Augustine's College, Cape Coast.[1] Ɔnyaa BSc Admin wɔ Sikasɛm ne Adwumayɛ mu ne MBA wɔ Adwumayɛ mu wɔ Ghana suapɔn mu.[2]

Mmrahyɛbadwa mu nsɛm sesa

Marfo yɛ Ghana amammuifoɔ na ɔyɛ Ghana man a ɛtɔ so nnan Mmarahyɛbɛdwa a ɛtɔ so nson no muni a ɔgyina Afigya-Kwabre North Constituency ananmu wɔ Asante mantam mu wɔ Ghana wɔ New Patriotic Party no tekiti so.[1]

Afe 2012 ne afe 2016 Marfo yɛɛ Afigya-Kwabre North mpasua no amansini wɔ Mmarahyɛbɛdwafie. Afe 2012 ɔnyaa mma 17, 597 a ɛyɛ 69.34%. Na afe 2016 nso no, ɔnyaa mma 17, 978 a ɛyɛ 71.52%. [3][4]

Adwuma sesa

Bere a Marfo wiee n’adesua wɔ Ghana sukuupɔn mu wɔ afe 1989 mu no, ɔyɛɛ adwuma sɛ ɔman som adwumayɛfo wɔ National Mobilization. Efiri afe 1991 kɔsi afe 1994 no na ɔyɛ Ɔhwɛfo Panyin wɔ Ghana Nwomasua Dwumadeibea (GES). Afe baako akyi a ɔfirii GES no, wɔpaw no sɛ Ghana Commercial Bank no sohwɛfoɔ panin a ɔyɛ adwuma sɛ SME titenani wɔ Northern Sector. Ɔsomm wɔ saa dibea no mu firi afe 1995 kɔsi afe 2012. Efi afe 2009 kɔsi afe 2012 no ɔyɛɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ mmɔho mmienu wɔ Suapɔn Nhomasua Sukuupɔn mu.[1]

Abrabɔ mu nsɛm sesa

Marfo fi Tetrem-Afigya a ɛwɔ Asante Mantam mu wɔ Ghana. Ɔwaree na ɔwɔ mma baanu. Ɔyɛ Kristoni (Baptist).[2]

Beaɛ Manyaa Mmoa firiiɛ sesa

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 Parliament of Ghana, retrieved 2023-11-26
  2. 2.0 2.1 MPs (in American English), retrieved 2023-11-26
  3. Peace FM, Afigya Kwabre North Constituency Results - Election 2012, retrieved 2023-11-26
  4. Peace FM, Afigya Kwabre North Constituency Results - Election 2016, retrieved 2023-11-26