Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Sydney

Ɔman Australia
Mpɔtɛm 12 367.7 km km²
Nnipa dodoɔ 5 367 206 ab. (2020)

SydneyAbout this soundpronounciation of "Sydney" Australia ahenkuro, na ɛyɛ kuro a emu nnipa dɔɔsosen nkuro ahorow a ɛwɔ New South Wales,Australia ne Oceania.[1] Sydney wɔ brɔno ahodoɔ 658 a ɛwɔ aban nketewa 33 ase. Wɔfrɛ nnipa a wɔte Sydney 'Sydneysyders'.[2] Besi afe 2020 mu no,na kuro no munnipa dodoɔ a wɔakan yɛ 5,367,206.[3] Na wei kyerɛ sɛ ɔman no mu nnipa ɔha mu nkyekyem eduosia-nsia(66%) na ɛte Sydney kuro no mu.[4] Kuro no din afoforo ne 'Emerald City' ne 'Harbour City'.[5]

Wɔn a wofi Australia ankasa no atena Syndey kuro yi mu bɛyɛ mfie 30,000 na wɔn abakɔsɛm mu mfonyini ahorow bobɔ wɔn adan ho wɔ mantam no nyinaa mu. Wɔ Wiase Nyinaa Ko A Ɛtɔ So Mmienu no akyi no,nnipa pii firi aman horow nyinaa so tu kɔtenaa Sydney. Wei maa kuro no bɛka nkoru ahorow a emu foɔ ka kasahorow paa wɔ wiase nyinaa no ho.[6] Wɔ wiase nyinaa sɛ wuyi London ne New York City a, Sydney ne kuro a edi hɔ a emufoɔ yɛ nnipa a wɔawo wɔn baabi na watu abɛtena hɔ.[6][7]

Ɛwom sɛ Sydney ka nkuro a 'ɛgye sika kakra' ansa obi atumi atena hɔ no nanso ɛsan ka nkuro du a nnipa pɛ hɔ tena paa wɔ wiase nyinaa no ho.[8][9][10] Wɔ sikasɛm mu no,kuro yi tɔ so dubiako wɔ wiase nyinaa esiane sɛ edwadie, mfiridwuma ne nsrahwɛ kɔ so yie wɔ hɔ.[11]

Kasa a wɔka sesa

Nnipa a wɔte Sydney no mu ɔha mu nkyekyemu eduasa-nnwɔtwe ne ekyiripɔ mmienu (38.2%) ɛka kasa foforɔ ka brɔfo kasa no ho. Kasa ahorow a wɔtaa ka ka brɔfo no ho no bi ne Mandarin (4.7%), Arabic(4.0%), Cantonese(2.9%), Vietnamese(2.9%) ne Greek(1.6%).[12] Wɔ berɛ a wɔkanee nnipa ne agyapadeɛ wɔ afe 2011 mu no, na kasa hodoɔ bɛboro 250 na wɔka no wɔ Sidney.[13] Wɔ afe 2016 deɛ no mu no, na nnipa a wɔte kuro no mu no mu ɔha mu nkyekyemu eduasa-nnum ne ɛkyiripɔ nnwɔtwe na ɛka kasa foforɔ ka brɔfo ho wɔ fie.[14]

Nhomasua sesa

Nhomasua bɛyɛɛ adeɛ a wɔn ani kɔɔ ho wɔ berɛ a aban no firii aseɛ sisii skuul na wɔhyɛɛ mmara sɛ ɛwɔ sɛ obiara kɔ skuul no. [15]Seesei, nnipa wɔwɔ Sydney no mu pii na akɔ skuul.Wɔn a wɔaso berɛ a ɛwɔ sɛ wɔyɛ adwuma wɔ kuro no mu no mu ɔha mu nkyekyemu eduokron (90%) na akɔ skuul adu baabi. Wɔn mu ɔha mu nkyekyemu eduonum-nson(57%) na akɔ skuul no adu beae a ɛwɔ soro paa wɔ ɔman no nhomasua mu.[16] Aban suapɔn dodoɔ a ɛwɔ Sidney yɛ nsia; University of Sidney, University of New South Wales, University of Technology Sydney,Macquarie University, Western Sydney University ne Australian Catholic University. Kuro no san wɔ nsɔre skuul ahodoɔ, ankoanko skuul ne aban skuul ahodoɔ wɔ mfitiaseɛ,ntoasoɔ skuul ne suapɔn nyinaa.South Wales Department of Education wɔ aban skuul ahodoɔ 935 wɔ Sidney. [17]Ntoasoɔ skuul du-nson a ɛwɔ South Wales no mu du-nnum wɔ Sidney.[18]

Wɔn adan ho nsɛm sesa

Sɛ ɛba adan ho nsɛm a Sidney 'estate' adan boɔ wɔ soro sen New York City ne Paris. Wei kyerɛ sɛ 'estate' adan a ɛwɔ hɔ ka adan a ne boɔ yɛ den paa wɔ wiase nyinaa no ho.[19][20]. Sɛ ɛba no ɛdan ho dwadie a,Sydney ne kuro a ɛma ɔman no nya sika paa wɔ Australia nyinaa.[21]Wɔ afe 2016 mu no, na adan ɔpepem baako ne ekyiripɔ eduoson-nsia (1.76 million) na ɛwɔ Sydney. Wɔ baabi a ɛyɛ kurom wɔ Sydney no, adan a wɔasi atoatoa so na ɛwɔ hɔ paa na baabi a ɛnhyɛ da nyɛ kurom no deɛ adan a atete ne ho na ɛwɔ hɔ.[22]

Sikasɛm sesa

Nhwehwɛmufoɔ bi a wɔwɔ Loughborough University de ato dwa sɛ Sydney ka nkuro du a wɔn sikasɛm wɔ soro paa wɔ wiase nyinaa no ho. [23] 'Global Economic Power Index' nhyehyeɛ no mu no nso, Sydney tɔ so du-diako wɔ wiase nyinaa.[24] ' Global Cities Index' kuo no nso hu no sɛ ɛtɔ so du-nnan denam sɛnea ɛne aman foforɔ di nkitaho wɔ adwadie mu no so.[25] Aman foforɔ pii na ebue wɔn sikakorabea afa ahodoɔ wɔ Sidney na wei aboa ama kuro no ne ɔman no sikasɛm nyinaa akɔ soro.

Sydney wɔ ɛfɔm agudie ahodoɔ a sika kɔkɔɔ ka ho na firi afe 1800 awieɛ na wofirii aseɛ de kɔɔ dwa wɔ wiase nyinaa dwadibea.Wɔsan wɔ atokoɔ a ɛno nso wɔde bi kɔ saa dwadibea hɔ afe biara.[26]

Beae a minyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. Archive copy, archived from the original on 2022-02-04, retrieved 2022-02-04{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. http://www.walksydneystreets.net/suburbssydneyall.htm
  3. https://web.archive.org/web/20210330092152/https://www.abs.gov.au/statistics/people/population/regional-population/latest-release
  4. https://www.abs.gov.au/AUSSTATS/abs@.nsf/Lookup/3218.0Main+Features12016-17
  5. https://theculturetrip.com/pacific/australia/articles/why-sydney-is-also-known-as-the-emerald-city/
  6. 6.0 6.1 https://www.theaustralian.com.au/subscribe/news/1/?sourceCode=TAWEB_WRE170_a&dest=https%3A%2F%2Fwww.theaustralian.com.au%2Fnews%2Finquirer%2Fcensus-2016-migrants-make-a-cosmopolitan-country%2Fnews-story%2Fda01bec138fc8600ea7bb84d1844ea80&memtype=anonymous&mode=premium&v21=dynamic-cold-test-noscore&V21spcbehaviour=append
  7. Archive copy, archived from the original on 2022-02-04, retrieved 2022-02-04{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  8. https://www.mercer.com.au/newsroom.html
  9. https://www.theguardian.com/australia-news/2019/sep/04/worlds-most-liveable-cities-viennas-win-leaves-sydney-and-melbourne-in-a-spin
  10. https://www.mercer.com/newsroom.html
  11. https://www.smh.com.au/national/another-shot-at-making-city-a-finance-hub-20080801-gdsoku.html
  12. Archive copy, archived from the original on 2022-03-05, retrieved 2022-02-04{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  13. https://web.archive.org/web/20140923055934/http://www.smh.com.au/data-point/sydney-languages
  14. Archive copy, archived from the original on 2021-08-17, retrieved 2022-02-04{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  15. https://dictionaryofsydney.org/entry/education
  16. Archive copy, archived from the original on 2022-01-23, retrieved 2022-02-04{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  17. https://web.archive.org/web/20140709210937/http://www.schools.nsw.edu.au/schoolfind/locator/
  18. https://web.archive.org/web/20140613233227/http://www.schools.nsw.edu.au/gotoschool/types/shs_ahs_details.php
  19. "Archive copy". Archived from the original on 2022-02-05. Retrieved 2022-02-05.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  20. https://www.domain.com.au/news/how-sydney-house-prices-compare-with-other-global-cities-20150723-gihntf/
  21. https://www.globalpropertyguide.com/Pacific/Australia/Price-History
  22. Archive copy, archived from the original on 2018-06-11, retrieved 2022-02-05{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  23. https://www.lboro.ac.uk/gawc/world2012t.html
  24. https://www.bloomberg.com/news/articles/2011-09-15/the-25-most-economically-powerful-cities-in-the-world
  25. https://web.archive.org/web/20141016172215/http://www.atkearney.com/documents/10192/4461492/Global+Cities+Present+and+Future-GCI+2014.pdf
  26. https://dictionaryofsydney.org/entry/economy