Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɛwa yɛ mpofirem mframa a ɛfiri baabi a yɛn home no mu fa kɛseɛ firi ba na ɛtumi boa te ɛho nsuo no, ne nneɛma binom a ɛne nipadua no nhyia no, nneɛma afoforɔ binom ne mmoawa a wɔwɔ nsase mu.Wɔ kwan a yɛbɛfa so abɔ ho ban no, ɛwa tumi yɛ ntimu na kwan a wɔfa so si ɛwa ho kwan yɛ mmiɛnsa:woretwe mframa akɔ wo mu, worehyɛ menem no ama mframa afiri mu, ne mframa denden a ɛfiri ahrawa no mu a ɛdi menem no akyi, na nnyegyeɛ di akyire.[1]

Cough
Depiction of cough
Pronunciation
    • Latin: tussis
Specialty Infectious diseases

Sɛ wobɔ ɛwa ntɛntɛm a na ɛkyerɛ sɛ woanya yareɛ bi. Mmoawa ahodoɔ nya mfasodeɛ firi kwan a mframa no fa so ba no, na deɛ ɔte ne so no bɔ ɛwa,na ɛno tumi boa ma yareɛ no sae kɔ nipa foforɔ so.Nipadua no mu nyarewa tumi de ɛwa beberee ba nanso sɛ biribi kɔhyɛ wo menem a wotumi bɔ ɛwa,afei sɛ worenom nnubɔne tumi ma wo bɔ wa, mframa mu sɛeeɛ,[2]ntehyewa,yareɛ a ɛma wo yam nsuo sane ba wo menem, nsuo a ɛfiri wo hwenem sane ba wo menem, ahurututuo, ahrawa mu yareɛ,akoma yareɛ ne nnuro bi te sɛ angiotensin-converting-enzyme inhibitors(ACE inhibitors)ne beta blockers tumi ma wo bɔ ɛwa.

Nsɔano

sesa

Ansa na wobɛsɔ ano no, ɛwɔ sɛ wohwɛ deɛ ɛde ba:sɛ ebia,worenom nnubɔne anaa ACE inhibitors.Ɛwa ho nnuro bi te sɛ codein anaa dextromethorphan ɛyɛ pa ara, nanso wɔahwehwɛ mu ahunu sɛ ɛwɔ nsunsuansoɔ kakra.Ɛho ayarehwɛ nkaeɛ no bɛtumi ahwɛ mframa a ɛfiri yɛn mu ba no na ɛbɛtumi nso aboa ayi amaman afiri yɛn ahrawa mu.Sɛdeɛ ɛyɛ adeɛ bi a ɛno ankasa bɔ ne ho ban no, sɛ wosi ɛwa no kwan a ɛtumi nya nsunsuansoɔ bi, ɛnkanka sɛ ɛwa no yɛ deɛ ɛbɛboa a(ɛyi amaman) no.[3]

Patofiseɔlɔgyi

sesa
 

Ɛwa yɛ mpofirem banbɔ bi wɔ nipadua no mu a ɛnam adwenem nneɛma bi so na ɛba.[4]Nhoma ahodoɔ mmienu bi wɔ nipadua no mu a, ɛno na ɛde mpofirem wa no ba, a wɔn ne myelinated rapidly adapting receptors, ne nonmyelinated C-fibers a wɔn ano si ahrawa no.[5]

Ayarehwɛ

sesa

Mmɔfra a wɔbɔ wa ho ayarehwɛ no gyina deɛ ɛde ba so.Ɛwa ahodoɔ a ɛsi wɔ mmɔfra mu no,ɛmu fa tumi gyae sɛ ɛduru nna du na ɛnyaa ayarehwɛ biara a, na ɛmu ɔha mu nkyekyɛmu aduokron nso tumi gyae wɔ nna aduonunum mu.[6]Sɛdeɛ American Academy ma Pediatrics ka no, ɛwa ho nnuro a ɛtumi brɛ ɛwa ase no wɔ nyinasoɔ kakra bi, na ɛnyɛ nso sɛ wɔde bɛma mmɔfra a wɔbɔ wa.[7]Yɛwɔ adansedie a ɛkyerɛ sɛ ɛwoɔ yɛ adeɛ a ɛyɛ ma obi a ɔbɔ wa,[8]kyɛn sɛ worenma no ayarehwɛ biara anaa sɛ wode aduro a wɔfrɛ no diphenhydramine bɛbrɛ no ase.Ɛnyi ɛwa no mfiri hɔ sɛdeɛ dextromethorphan yɛ no nanso ɛtumi te mpɛn dodoɔ a wode bɛbɔ ɛwa no so kyɛn placebo ne salbutamol.[9]Yɛbɛtumi de nnuro a ɛkum mmoawa anaa sɛ aduro a yɛtwe kɔ yɛn mu no a wɔfrɛ no corticosteroids ama mmɔfra a ɛwa ayɛ koankorɔ wɔ wɔn so no ne ayarehwɛ a wɔde ko tia ahurututuo mmoawa ne ntehyewa.[10]

Mmoa Binom

sesa
 

Nsuo mu mmoa te sɛ dɔɔfen ne bonsu ntumi mmɔ wa.[11]Mmoa a kasɛe nni wɔn mu bi te sɛ ntutumoa ne ananse ntumi mmɔ wa anaa sɛ nwansi.Mmoa akɛseɛ tumi bɔ wa.[12]Efie mmoa ne nkasɛemoa te sɛ nkraman ne ɔkra tumi bɔ wa,ɛsiane yareɛ, nnompe mu yareɛ, mfuturo anaa biribi tumi hyɛ wɔn menem.[13]Ɔkra deɛ, yɛnim wɔn sɛ wɔbɔ wa ansa mpo na wɔate biribi ato fam.[14]Wɔ efie mmoa binom nso no, apɔnkɔ tumi bɔ wa ɛsiane nyarewa nti,anaa sɛ ahuhuro ne mfuturo wɔ baabi a mframa biara mfa hɔ no.[15]Ɛwa yareɛ a ɛwɔ nkraman mu bɛtumi afiri mmoawa ahodoɔ binom.Ɔwansane tumi bɔ wa te sɛ nnipa ɛsiane nyarewa a ɛtumi wura wɔn mu no nti, ɛbi te sɛ parasitic bronchitis a dictyocaulus mmoawa de ba no.

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ

sesa
  1. Kian Fan Chung, Ian D. Pavord (2008-04-19), "Prevalence, pathogenesis, and causes of chronic cough", Lancet (London, England), vol. 371, no. 9621, pp. 1364–1374, doi:10.1016/S0140-6736(08)60595-4, ISSN 1474-547X, PMID 18424325, retrieved 2024-06-28
  2. Kian Fan Chung, Ian D. Pavord (2008-04-19), "Prevalence, pathogenesis, and causes of chronic cough", Lancet (London, England), vol. 371, no. 9621, pp. 1364–1374, doi:10.1016/S0140-6736(08)60595-4, ISSN 1474-547X, PMID 18424325, retrieved 2024-06-28
  3. Ian D. Pavord, Kian Fan Chung (2008-04-19), "Management of chronic cough", Lancet (London, England), vol. 371, no. 9621, pp. 1375–1384, doi:10.1016/S0140-6736(08)60596-6, ISSN 1474-547X, PMID 18424326, retrieved 2024-06-28
  4. Alan B. Goldsobel, Bradley E. Chipps (2010-03), "Cough in the pediatric population", The Journal of Pediatrics, vol. 156, no. 3, pp. 352–358, doi:10.1016/j.jpeds.2009.12.004, ISSN 1097-6833, PMID 20176183, retrieved 2024-06-28 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  5. Stuart B. Mazzone, Bradley J. Undem (2016-07), "Vagal Afferent Innervation of the Airways in Health and Disease", Physiological Reviews, vol. 96, no. 3, pp. 975–1024, doi:10.1152/physrev.00039.2015, ISSN 0031-9333, PMC 4982036, PMID 27279650, retrieved 2024-06-28 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  6. Matthew Thompson, Talley A Vodicka, Peter S Blair, David I Buckley, Carl Heneghan, Alastair D Hay (2013-12-11), "Duration of symptoms of respiratory tract infections in children: systematic review", The BMJ, vol. 347, pp. f7027, doi:10.1136/bmj.f7027, ISSN 0959-8138, PMC 3898587, PMID 24335668, retrieved 2024-06-28{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  7. Alan B. Goldsobel, Bradley E. Chipps (2010-03), "Cough in the pediatric population", The Journal of Pediatrics, vol. 156, no. 3, pp. 352–358, doi:10.1016/j.jpeds.2009.12.004, ISSN 1097-6833, PMID 20176183, retrieved 2024-06-28 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  8. Olabisi Oduwole, Ekong E. Udoh, Angela Oyo-Ita, Martin M. Meremikwu (2018-04-10), "Honey for acute cough in children", The Cochrane Database of Systematic Reviews, vol. 4, no. 4, pp. CD007094, doi:10.1002/14651858.CD007094.pub5, ISSN 1469-493X, PMC 6513626, PMID 29633783, retrieved 2024-06-28{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  9. Olabisi Oduwole, Ekong E. Udoh, Angela Oyo-Ita, Martin M. Meremikwu (2018-04-10), "Honey for acute cough in children", The Cochrane Database of Systematic Reviews, vol. 4, no. 4, pp. CD007094, doi:10.1002/14651858.CD007094.pub5, ISSN 1469-493X, PMC 6513626, PMID 29633783, retrieved 2024-06-28{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  10. Alan B. Goldsobel, Bradley E. Chipps (2010-03), "Cough in the pediatric population", The Journal of Pediatrics, vol. 156, no. 3, pp. 352–358, doi:10.1016/j.jpeds.2009.12.004, ISSN 1097-6833, PMID 20176183, retrieved 2024-06-28 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  11. J. C. Woodard, S. G. Zam, D. K. Caldwell, M. C. Caldwell (1969), "Some parasitic diseases of dolphins", Pathologia Veterinaria, vol. 6, no. 3, pp. 257–272, doi:10.1177/030098586900600307, ISSN 0031-2975, PMID 5817449, retrieved 2024-06-28{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  12. Crocodile ‘cough’ caught on camera in Florida Everglades (in American English), 2023-08-23, retrieved 2024-06-28
  13. Is It Normal for Cats To Cough? (in English), retrieved 2024-06-28
  14. Is It Normal for Cats To Cough? (in English), retrieved 2024-06-28
  15. Coughing in horses explained Your Horse Magazine, 2020-07-28, archived from the original on 2020-07-28, retrieved 2024-06-28