4-Aminosalicylic acid

4-Aminosalicylic acid a yɛsane frɛ no para-aminosalicylic acid (PAS) na wɔde edin Praser na ɛtɔn no, yɛ antibiɔtik a wɔde sa yareɛ a yɛfrɛ no nsamanwa.Wɔde ka nnuro ahodoɔ bi ho na ɛyɛ saa.

Aduro 4-aminosalicylic acid wɔ edin ahodoɔ pii. Saa din yi ne para-aminosalicylic acid, p-aminosalicylic acid, 4-ASA ne deɛ ɛkeka ho.

Afe 1902 ne berɛ a ɛdi kan a yɛɛ aduro yi na afe 1943 mu na wɔfirii aseɛ de dii dwuam wɔ ayarehwɛ mu. Aduro yi ka nnuro a World Health Organization bu no sɛ nnuro ɛho hia pa ara ho.

Ne dwumadie wɔ ayaresa mu

sesa

Aduro yi duwmadie pa ara wɔ ayarehwɛ ne sɛ wɔde sa nsamanwa. Ɛno ne antibiɔtik aduro a ɛtɔ so mmienu a wɔhunuu sɛ ɛyɛ nam berɛ wɔresa nsamanwa yareɛ no. Wɔsane de aduro yi sa Inflammatory bowel disease (ulcerative colitis and Crohn's disease).

Ɔhaw a ɛtumi de ba

sesa

Aduro yi tumi de ɔhaw ahodoɔ pii na ɛba. Saa ɔhaw yi bi ne ayamtuo, w'ase bɛyɛ wo ya, w'ani so bɛyɛ wo wisiwsi, wo berɛboɔ tumi hono ne deɛ ɛkeka ho. Ɛnsɛ sɛ nnipa a wɔyare berɛboɔ yareɛ a ɛyɛ hu pa ara de di dwuma.