Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
back pain
symptom or sign
subclass ofpain, dorsopathy, symptom Sesa
has causeunknown, injury Sesa
does not have causeepidural anesthesia Sesa
health specialtyorthopedics Sesa
anatomical locationback Sesa
ICPC 2 IDL02 Sesa
NCI Thesaurus IDC41830 Sesa

Akyiyadeɛ( Borɔfo: Back pain, Latin: dorsalgia) yɛ yaw a obi te no wɔ n'akyi nnompe mu. [1] Yɛwɔ ne nkyekyɛmu bebree: yaw a ɛwɔ obi kɔn mu, (cervical), deɛ ɛwɔ n'akyi berɛmoo mu (thoracic), deɛ ɛwɔ ne sisi akyi (lumbar) na afei deɛ ɛwɔ ne sisi mu.[2] Deɛ ɛwɔ sisie akyi no deɛ, ɛnyɛ na. Ano tumi yɛ den pa ara. Ɛbinom deɛ mpo deɛ? Ɛtumi dane koankorɔ.[3] Sɛ obi wɔ akyiyadeɛ na ɔtɔ kɔ so yɛ adwumaden a, ano tumi bɛyɛ den. Saa yaw yi tumi ka onipa no abasa ne ne nan nyinaa.

Akyiyadeɛ no mu fa kɛseɛ no ara ntaa nyɛ deɛ wɔnim ne kɔfabae. Honam akwaa bi te sɛ dwonsɔtwaa, pancreas ho tɔ kyema a, anaasɛ ɔhaw ba ntini a mogya di mu aforosane no mu a, ɛno nso tumi de akyiyaw ba.[4] Dompe mu tokuro nso de akyiyadeɛ ba. Sɛ obi nni Vitamin D a ɛma dompe mu yɛ den no bi anaase ɔnni no dodoɔ a, nkakrankakra, ɛtumi de dompe mu yadeɛ a akyiyadeɛ nso ka ho bi no ba.

Nkyekyɛmu

sesa

Wɔagyina akyiyadeɛ nsɛnkyerɛnne ahodoɔ ne kyɛ a ɛkyɛ so akyekyɛ mu.[5]

  1. Deɛ wɔfrɛ no acute no di nnawɔtwe nsia
  2. Deɛ wɔfrɛ subacute no nso di ɛfiri nnawɔtwɔ nnsia de rekɔ nnawɔtwe du mmienu.
  3. Deɛ ɛtumi yɛ koankorɔ no nso di ɛfiri nnawɔtwe du mmienu de rekɔ.

Deɛ ɛde ba

sesa

Nneɛma pii na ɛde akyiyadeɛ ba.[6] Nipadua no fa baabi te sɛ tokuro a mogya fa mu, yɛn yam nneɛma ne deɛ ɛkeka ho no mu bi ho tɔ kyema a, ɛtumi de akyiyadeɛ ba.[7] Wɔn a wɔwɔ akyiyadeɛ no mu bɛyɛ ɔha nkyekyɛmu aduɔkron deɛ no, wɔnhyɛ da nnim deɛ ɛde ba.[8] Wɔn mu bɛyɛ ɔha nkyekyɛmu du deɛ, animdifoɔ kyerɛ sɛ, gye sɛ wɔfii wɔn ansa na wɔahunu deɛ ɛde baeɛ. Wɔn a wɔn deɛ firi nyarewa afoforɔ bi te sɛ kokoram mu no nnuru ɔha nkyekyɛmu mmienu.[9]

Deɛ ɛtaa de ba
Deɛ ɛde ba % nnipa dodoɔ a wɔnya Akyiyadeɛ
Nonspecific 90%
Vertebral compression fracture 4%
Metastatic cancer 0.7%
Infection 0.01%
Cauda equina 0.04%

Nsɔano

sesa

Nnipa pii fa kwan ahodoɔ bebree a ayarehwɛfoɔ nnye nntoo mu so a wɔrepɛ asɔ wɔn akyiyadeɛ ano. Anwanwasɛm ne sɛ, saa akwan a wɔfa so yi ntaa nnwie wɔn yie. Ɛho bɛhia sɛ wɔfa nnuro nnuruyɛfoɔ ne ayarehwɔfoɔ agye ato mu.

  • Wɔwɔ nnuro a wɔfrɛ no non-steroidal anti-inflammatory drugs (NSAIDs) a a ɛno na wɔde hyɛ ayarehwɛ no ase. Wɔkyerɛ a NSAIDs yɛ adwuma pa ara wɔ nipadua no mu.
  • Wɔtumi nso de ebinom to pioids nnuro so. Saa nnuro yi , animdifoɔ asɔ ahwɛ, agye ato mu sɛ ɛyɛ. Na ɛtumi sa akyiyadeɛ ahodoɔ a yɛaka ho asɛm no nyinaa.
  • Wɔtumi nso de mfidie a ɛyɛ nnompe mu adwuma nso yɛ akyiyadeɛ ho adwuma. Yei deɛ, wɔntaa nyɛ. Na ɛno mpo, wɔagye ato mu sɛ ɛyɛ adwuma pa ara. Mmom ɛho adansedie no nhyɛ da nnɔɔso.
  • Ayarefoɔ a wɔn yaw no ma wɔn ntini mu twetwe wɔn no nso, wɔde nnuro bi te sɛ dexamethasone ma wɔn a ɛte wɔn yaw no so.
  • Wɔde steroid nnuro no nso tumi wɔ wɔn a wɔwɔ akyiyadeɛ no paneɛ ma ɛte yaw no so.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

sesa
  1. Dictionary.com | Meanings & Definitions of English Words (in English), retrieved 2024-06-09
  2. Elizabeth J. Church, Teresa G. Odle (2007), "Diagnosis and treatment of back pain", Radiologic Technology, vol. 79, no. 2, pp. 126–151, quiz 152–155, ISSN 0033-8397, PMID 18032750, retrieved 2024-06-09
  3. Dictionary.com | Meanings & Definitions of English Words (in English), retrieved 2024-06-09
  4. Elizabeth J. Church, Teresa G. Odle (2007), "Diagnosis and treatment of back pain", Radiologic Technology, vol. 79, no. 2, pp. 126–151, quiz 152–155, ISSN 0033-8397, PMID 18032750, retrieved 2024-06-09
  5. Roger Chou, Amir Qaseem, Vincenza Snow, Donald Casey, J. Thomas Cross, Paul Shekelle, Douglas K. Owens, for the Clinical Efficacy Assessment Subcommittee of the American College of Physicians and the American College of Physicians/American Pain Society Low Back Pain Guidelines Panel* (2007-10-02), "Diagnosis and Treatment of Low Back Pain: A Joint Clinical Practice Guideline from the American College of Physicians and the American Pain Society", Annals of Internal Medicine (in English), vol. 147, no. 7, p. 478, doi:10.7326/0003-4819-147-7-200710020-00006, ISSN 0003-4819, retrieved 2024-06-09{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  6. Rosen's emergency medicine : concepts and clinical practice | WorldCat.org (in English), retrieved 2024-06-09
  7. Curtis W. Slipman (2008-01-01), Interventional Spine: An Algorithmic Approach (in English), Elsevier Health Sciences, ISBN 978-0-7216-2872-1, retrieved 2024-06-09
  8. Curtis W. Slipman (2008-01-01), Interventional Spine: An Algorithmic Approach (in English), Elsevier Health Sciences, ISBN 978-0-7216-2872-1, retrieved 2024-06-09
  9. Rosen's emergency medicine : concepts and clinical practice | WorldCat.org (in English), retrieved 2024-06-09