Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Amanyɔkuo yɛ ekuo bi a ɛboa anamusifoɔ ano ma wɔpere wɔ abatoɔ bi a ɛkɔso wɔ ɔman bi mu . Ɛyɛ adeɛ a ekuoba biara a ɔwɔ amanyɔkuo bi mu bɛtumi anya adwenekorɔ wɔ amanyɔsɛm mu ɛna amanyɔkuo no bɛtumi ama wɔn adwenempɔ ne wɔn tirimpɔ no atumpɔn. Amanyɔkuo abɛyɛ adeɛ ɛdimu wɔ amanyɔsɛm wɔ aman ahodoɔ nyinaa mu, sɛ Mpremprem amanyɔkuo atumpɔn na atrɛ afa wiase nyinaa wɔ mfeɛ bi a atwam no. Ɛyɛ nwanwa mmoroso sɛ ɔman bi nni amanyɔkuo a. Aman bi wɔ amanyɔkuo baako ɛna ebi nso wɔ amanyɔkuo bebree. Amanyɔkuo ho wɔ mfasoɔ wɔ kaaɛnkabi ne kabimamenkabi amanyɛsɛm mu, ɛwɔm sɛ kabimamenkabi wɔ amanyɔkuo kyɛn kaaɛnkabi. Kaa ɛnkabi wɔ amanyɔkuo baako a ɛbɔ ɔman no ho ban, amanyɛsɛm mu nyansapɛfoɔ fa apereapereɛ a ɔkɔso wɔ amanyɔkuo baako anaa nea ɛboro saa sɛ ɛhohia wɔ kabimamenkabi mu.