Angela Alorwu-Tay

Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Angela Oforiwa Alorwu-Tay yɛ Ghanani amanyɔni ne mmarahyɛ bguani wɔ Ghana mmarahyɛ baguakuo a ɛtɔ so nsɔn no mu, na ogyina hɔ ma Afadjato Anafo mpɛsua so wɔ Frao Mantam mu wɔ amanyɔkuo National Democratic Congress din mu. ɔka mma dodoɔ nnum a wodii nkunim wɔ mmaa nkrɔn a wogyinae wɔ frao manatam no mu wɔ afe 2016 abatoɔ a ɛkɔɔ so no mu.

Angela Oforiwa Alorwu-Tay
Member of the Ghana Parliament
for Afadjato South
Mprenpren
Bere
7 January 2017
OdikanfoJoseph Amenowode
Ɛdɔm keseɛ11,901[1]
Ne ho asɛm
Awo bere16 April 1971 (1971-04-16) (age 53)
Ne manGhanaGhana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress (Ghana)
Mma2 children
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana, University of Cape Coast
N'adwumaMP
N'adwumaManager/administrator/hr practitioner

Nhomasua sesa

Okura abɔdin krataa a onyaa firii suapɔn a ɛne University of Ghana ne suapɔn a ɛne West Africa Computer Science Institute. ɔkɔɔ ntoaso sukuu wɔ Nkonya Secondary School ma onyaa abɔdin krataa a ɛne GCE O'level.  Okura abɔdin krataa a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ nimdeɛ wɔ ka bi ma me nka bi, amanbuo ne mpontuo ho, onyaa firii suapɔn a ɛne University of Cape Coast ho.

ɔsom sesa

ɔyɛ Kristoni

N'asetena mu nsɛm sesa

Wɔ woo Angela Alorwu Tay wɔ April da a ɛtɔ so 16, afe 1971. ɔye okunafo a okura mmɔfra mienu

Amanyɔsɛm sesa

Wo afe 2015 mu no, osii akan ma no dii nkunim wo amanyokuo New Partriotic so wo mmarahyɛ bagua abatoo no mu wo Afadjato Anafo mpɛsua so a ɛwo Frao Mantam. Ode mma no mu 5,138 na edii nkunim wo Owura Reuben Kornu a onyaa mma 1,419, awura Kafui Takyi – mma 1,366, Owura Eben Kay Hodo- mma 820, Owura Victus Agbesi – mma 557 ne awura Susie Adoboe – mma 559 so. Oyɛ obi a oko ma mmaa ne mmarima pe yɛ ho na oyɛ obi nso obo aban a ɛwo so yi akyi sɛ onni ne boyhɛ a ɛne obɛpaw mmaa oha mu nkyekyɛmu 60 wo n’aban mu no.

  1. "Parliamentary Results for Afadjato South". www.ghanaweb.com. Retrieved 11 January 2021.