Atifi Mantam (Ghana)

Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Atifi Mantam no yɛ Mantam du-nsia(16) a ɛwɔ Ghana no mu baako. Atifi Mantam no da Atifi fam wɔ Ghana na na Mantam no ne Mantam a ɛso paa wɔ amantam 16 no mu, na ne kɛse yɛ 70,384 kilomita anaa ɔha mu nkyekyɛmu 31 wɔ Ghana nsase mu. Wɔ Bomsome a ɛtwa toɔ no da ɛtɔ so 2018 mu, wɔtee Savannah Region ne Atifi Apuei Mantam fii Atifi Mantam no ho.Mantam no kura amansin 14 na n'ahenkuro ne Tamale

Asase ne ewiem nsakrae sesa

Asase no sibea ne ne kɛse sesa

Atifi Mantam no ne North East region bɔ hyeɛ wɔ atifi fam, wɔ apeui fam nso, ɛnɛ Ghana-Togo hyeɛ so na ebɔ hyeɛ. wɔ anafoo fam no nso, ɛne Oti Mantam na ɛbɔ hyeɛ. Atifi mantam ne Savannah Region bɔ hyeɛ wɔ atɔe fam. Atifi fam kura amansin 14.

Ewiem nsakrae sesa

 
Baobab dua

Atifi Mantam no yɛ Mantam a ɛyɛ wosee sen Ghana anafo fam esiane bɛn a ɛbɛn Sahel ne Sahara. Atifi mantam nsase no dodoɔ no ara yɛ ɛsrɛ so ne titiriw savanna, na nnua a etumi gyina ɔpɛ ano te sɛ baobabs anaa acacias wɔso pii. ɔpɛ bre no hyɛ ase fi ɔgyefo kosi ɔbenima. Osutɔ bre no hyɛ ase fi Kitawonsa bosome kosi ɔpenimma bosome no mu. Ewiem yɛ hye paa wɔ ɔpɛ bre awie na ewiem dwo fɔm wɔ osutɔbre. Mframa a ano yɛ hye bɔ fi sahara fam wɔ Ɔpɛnimma awie ne ɔgyefo ahyease.Nhwɛsoɔ:Clear left

Sikasɛm sesa

  Ɔha mu nkyekyɛmu 75 a wɔ Mantam no mu yɛ akuafo. Nea enti a nnipa nnɔso wɔ mantam no mu ne sɛ, nnipa pii di atukɔtena esiane ewiem tebea a ɛwɔ hɔ no nti.

Mantam no sesa

Atifi Mantam yɛ mantam a esua wɔka Brɔfo kasa ne kasa ahorɔw. ɔha mu nkyekyemu aduonum-nnum(52) ka kasa a efiri Oti–Volta mmusua kuo a efiri Niger–Congo language family. Kasa no bi ne Dagbani, Mamprusi anaa Konkomba. Dagbon Ahenie a ɛyɛ Dagonbafoo no wɔ mantam no mu.

Nsrahwɛbea ahorɔw sesa

  • Naa Gbewaa Ahenfie, Yendi
  • Saakpoli nkoa Abura
  • Diarre Napagaduungbanani
  • Naa Binbegu Boabab Dua, Yendi
  • Buntaga nsuban
  • Sabali (Asubɔnten Oti)
  • Nawuni Asubɔnten (Volta Fitaa)

ɔsom sesa

Nnipa miensa biara wɔ nnipa nnum mu yɛ wɔn a wɔ dɔm nkramo som (60.0%).

Amansin sesa

 
DistrictAaAtifi Mantam

Atifi Mantam a ɛwɔ Ghana no kura amansin 16. Emu 11 yɛ amansin nketewaa na 5 a aka no yɛ amansin akɛse

Districts in Northern region
# Amansin Ahenkuro Nnipa dodoo
1 Gushegu Gushegu
2 Karaga Karaga
3 Kpandai Kpandai 108,816
4 Kumbungu Kumbugu
5 Mion Sang
6 Nanton Nanton
7 Nanumba Atifi fam Bimbila
8 Nanumba Anafo fam Wulensi
9 Saboba Saboba
10 Sagnarigu Sagnarigu
11 Savelugu Savelugu
12 Tamale Mansin Tamale
13 Tatale Sangule Tatale
14 Talon Tolon
15 Yendi Mansin Yendi
16 Zabzugu Zabzugu

Nnipa Titiriw sesa

Nnipa Titiriw a wofi Atifi Mantam mu , Dagbon
# Omanii Kuro
1 Aliu Mahama Yendi
2 Wakaso Tamale
3 Majeed Waris Tamale
4 Haruna Iddrisu Tamale
5 Lawyer Abdulai Mumuni Kumbungu