Biotin (wɔsane frɛ no vitamin B7 anaa vitamin H) yɛ vitamin B ahoɔden nnuro no mu baako. Wɔtaa de dwuma wɔ ayaresa kwan ahodoɔ pii mu. Ɛdin biotin no firii German kasa no mu na wɔfa firii tete Greek asɛmfua βίοτος (bíotos a ɛkyerɛ nkwa) ne asɛmfua nsiakyire "-in" a wɔtaa de dwuma wɔ abɔdeɛ mu nyansapɛ mu de kyerɛ sɛ biribi rehyehyɛ). Biotin ahosuo yɛ fitaa na ne su ayɛ sɛ panneɛ a ani da hɔ.

Ne su wɔ abɔdeɛ mu nyansapɛ mu.

sesa

Wɔbu aduro yi sɛ ɛka heterocyclic compound a sulfur-containing tetrahydrothiophene aka ho na ɛka ureido kuo no ho. Saa uriedo kuo yi a ɛwɔ −N−CO−N− no na ɛfa carbon dioxide mframa wɔ carboxylation dwumadie mu.