Bono ne Ahafo Mantam

Na Bono ne Ahafo Mantam no wɔ Ghana atifi fam. Na Bono ne Ahafo Mantam ne Black Volta bɔ hyeɛ wɔ anafoo fam, atɔe fam nso, ɛne Lake Volta na na ɛbɔ hyeɛ. Asante mantam, Apuei mantam ne Atɔe mantam nso ne Bono ne Ahafo mantam bɔ hyeɛ wɔ anafo fam. Bono ne Ahafo mantam no ahenkuro ne Sunyani. Wɔtee Bono ne Ahafo Mantam no fii Ashanti Atɔe ho wɔ Oforisuo da a ɛtɔ so 14, afe 1959 na wɔde too Amanifo a na wɔn wɔ hɔ, Akanfo, Bono ne ahafo. Wɔ afe 2019 mu no, esiane amantam afoforo a wɔbɛte nte, wɔ kyɛɛ Mantam no mu miensa a wɔn din ne Bono, Bono apuei ne Ahafo amantam. Eyi maa Bono ne Ahafo mantam no twaa mu.

Brong-Ahafo Region
Bui Bayou
Bui Bayou
Flag of Brong-Ahafo Region
Location of Brong-Ahafo Region in Ghana
Location of Brong-Ahafo Region in Ghana
CountryGhana
CapitalSunyani
DistrictsNhwɛsoɔ:Comma separated entries
Government
 • Regional MinisterKwaku Asomah-Cheremeh[1]
Area
 • Total39,557 km2 (15,273 sq mi)
 • RankRanked 2nd
Population
 (2010 Census)
 • Total2,310,983
 • RankRanked 6th
 • Density58/km2 (150/sq mi)
GDP (PPP)
 • Year2013
 • Per capita$5,150
GDP (Nominal)
 • Year2013
 • Per capita$2,500
Time zoneGMT
Area code(s)035
ISO 3166 codeGH-BA
HDI (2017)Increase 0.584[2]
Nhwɛsoɔ:Color· 6st

Sikasɛm ne nsrahwɛ sesa

Bono Ahafo mantam no yɛ beae a wonnim sɛ wɔye Cocoa ne kuayɛ ho mfirinwuma. Bono-Ahafo kura Akanfo amammere pii ne kwae brentuo pii nanso nsrawhɛfo nkɔ hɔ pii te sɛ Asanti ne mfinin Mantam.Beae ahorɔw a ɛyɛ ani ka wɔ Bono ahafo mantam ne Kintampo,(Kintapo aboo mu nsuten), ne abɔde akorae, Fiema beae a Boabeng-Fiema nnoe wɔ.(akwansi tiawa firi sunyani); agodibea ahorɔw, Bui agodibea ne Digya agodibea.

Adesua sesa

Paul Yeboah ne Ghana Permaculture Institute farebae. Ghana Permaculture Institute yɛ adwumakuo a wonhwehwɛ mfaso a ɛwɔ Techiman (Bono Ahafo Mantam, Ghana) Adwumakuo no botae ne sɛ ɛbɛ tete mpɔtam hɔ fo no ma w'atumi anya nimdeɛ wɔ senea wosi na wɔbɔ nnuane ahorow ho ban, bɔ nsuwa ho ban na afei nso, wonya apɔw mu den wɔ nkurase

Suapɔn ahorɔw a ɛwɔ Mantam no ne University of Energy and Natural Resources (UENR), Catholic University College of Ghana (CUCG), Anglican University of Technology (AnguTech) ne Sunyani Technical University

Mantam no din ahyeta wɔ agokansiefo pii a efi hɔ no nti. Asamoah Gyan, Emmanuel Agyemang-Badu ne John Paintsil ne nnipa kakra a w'agye din wɔ agokansie mu a wofi Mantam no mu. Sesei, Mantam no kura bɔɔlbɔ kuo miensa a ɛka bɔɔlbɔ kuo 16 a wosi akan wɔ Ghana bɔɔlbɔ akansie mu. Aduana Stars F.C. ne bɔɔlbɔ kuo a ɛyɛ Aduana man deɛ na ɛwɔ Dormaa Ahenkro. Wɔ pia wɔn baa Ghana bɔɔlbɔ akansie no mu nea edikan wɔ afe 2009 maa wodii nkonim wɔ saa afe no mu. Berekum Chelsea F.C a wɔn wɔ Berekum dii nkunim wɔ Ghana bɔɔlbɔ akansie no mu wɔ afe 2010. Aduana Stars nso dii nkunim wɔ Ghana bɔɔlbɔ akansie no mu wɔ afe 2017. Bechem United F.C ne bɔɔlbɔ kuo a etɔ miensa a efi Bono ne Ahafo mantam mu.

Amansin sesa

 
Bono Ahafo

Wɔ tee Bono ne Ahafo Mantam no wɔ Oforisuo bosome no mu, afe 1959. Ekura amansin 27 a emu 8 ye amansin akɛse

Amansin a ewɔ Bono ne Ahafo Mantam
# Mansin Ahenkuro Dodoo
1 Asuan Atifi Mansin Goaso
2 Asuana Anafo Kukuom
3 Asutifi Atifi Kenyasi
4 Asutifi Anafoo Hwidiem
5 Atebubu-Amantin Mansin Atebubu
6 Banda Mansin Banda Ahenkro
7 Brekum Mansin Breku
8 Dormaa Apuei Wamfie
9 Dormaa Mansin Dormaa Ahenkro
10 Dormaa Atoe Nkrankwanta
11 Jaman atifi Sampa
12 Jaman Anafoo Mansin Drobo
13 Kintamo Anafo Mansin Kintampo
14 Kintampo Anafo Jema
15 Nkoranza Atifi Busunya
16 Nkoranza Anafo Nkoranz
17 Pru
18 Sene Apuei Kajaji
19 Sene Atoe Kwame Danso
20 Sunayin Mansin Sunyani
21 Sunyani Atoe Odumase
22 Tain Nsawkaw
23 Tano Atifi Duayaw Nkwanta
24 Tano Anafo Bechem
25 Techiman Mansin
26 Techiman Anafo
27 Wench Mansin Wenchi

Nnipa titiriw sesa

Nnipa titiriw a wɔn wɔ Bono ne Ahafo Mantam mu
Amanifoɔ Kuro
Mathew Nkum Sunyani
Kevin-Prince Boateng Kyeremasu, Dormaa East
Asamoah Gyan Wenchi
James Kwesi Appiah Sunyani
Prof George Benneh's Jamade
Emmanuel Agyemang-Badu Seikwa
John Paintsil Brekum
Kwadwo Afari-Gyan Brekum
Ernest Asante Sunyani
Beatrice Nkum Sunyani
Sadick Adams Sunyani
Nana Yaw Konadu Yeboah Sunyani {Kwame Saarah-Mensah}

Tanoso, Sunyani

{Asomanin Ernest Kyeremasu, Bono Mnatam, Dormaa Apuei}

  1. "Archive copy". Archived from the original on 2017-07-04. Retrieved 2020-03-18. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. "Sub-national HDI - Area Database - Global Data Lab". hdi.globaldatalab.org (in English). Retrieved 2018-09-13.