Catster yɛ Amerika Atifi fam nsɛmma nhoma a ɛba ɔsrane biara a wɔde ama nnyinamoa, nnyinamoa wuranom, ne wɔn a wɔtete nnyinamoa ne afei ntanɛso so beaeɛ a wɔde nsɛm ɛkɔ ma wɔn a wɔdɔ nnyinamoa to dwa. Dawubokuo foforɔ a ɛka wɔn ho ne Dogster, a ɛyɛ ntanɛte so beaeɛ ma wɔn a wɔdɔ nkra.

Wɔ Ahinime, 2023 mu no, Pangolia nyaa Catster mu abakɔsɛm ne Dogster ahyɛnsodeɛ ahodoɔ no firii Belvoir Media Group hɔ .

Abakɔsɛm sesa

Catster nam wɔn a wɔde Dogster baeɛ no so hyɛɛ aseɛ sɛ mpɔtam hɔ ntanɛte so bea a ɛfa nnyinamoa ho wɔ afe 2000 ahyɛaseɛ mu hɔ. Ted Rheingold ne Steven Reading na wɔyɛɛ mmeae no.

Bere a Ntanɛte so nnipa redɔɔso no, Catster ntanɛte so beaeɛ no de nsɛm ahorow pii a ɛfa nnyinamoa ho a agye abasobɔdeɛ afoforɔ pii too dwa, firi atekele a ɛma nsɛm pii a ɛfa nnyinamoa hwɛ ho so kɔsi ankorankoro nsɛm a ɛka akoma ne abasɛm ahorow a ɛfa nnyinamoa nsetena mu nsɛm ho so.

Catster ne Dogster ne PAWS Foundation yɛɛ adwuma bɔɔ mu de boaa America’s Favorite Pet mfonini akansie, afe afe ntanɛte so abatow akansie ne dwadie aporɔbɔ a ɛgyina biribi aso a asie so a ɛboa adwumayɛkuo a ɛnhwehwɛ mfasoɔ so no. Na nkonimboɔ kɛseɛ no yɛ asɛm bi a ɛwɔ Catster anaa Dogster nsɛmma nwoma mu ne sika dɔla 5,000.

Wɔ afe 2015 mu no, Catster nam Lumina Media so nyaa Cat Fancy nsɛmma nwoma na wɔsesaa nwoma no din yɛɛ no Catster nsɛmma nwoma. Berɛ a wɔreyɛ adwuma no, na Cat Fancy nwoma a wɔatintim no yɛ 155,000 afe biara.

Cat Fancy sesa

Leslie Slawson-Smith tintimm Cat Fancy a ɛdi kan no de too dwa wɔ 1965 mu. Akyire yi no, BowTie Inc. (wɔsan hyehyɛɛ no sɛ I-5 Publishing ) na wotintimii. Na wɔde nsɛmma nwoma no mu biara maa nnyinamoa kuo bi , a wɔde too anim de kyerɛeɛ ne krataa bi a ɛwɔ mu so. Na nsɛmma nwoma no nso wɔ apomuden ho afotuo, nhwehwɛmu ahodoɔ, samufo nsɛm, nsɛm a agyinamoa wuranom twerɛeɛ, nnyinamoa nneɛma ho nsɛm, ntadehyɛ a ɛfa nnyinamoa ho, ne nnyinamoa mfonin fie, ne nneɛma afoforɔ.

Cat Fancy nsɛmma nhoma no akansifoɔ titire wɔ Amerika Atifi fam ne Cats and Kittens .

Afe 2007 mu no, wɔmaa Cat Fancy Certificates of Excellence Awards 14 wɔ Afe-afe Cat Writers’ Association Awards Banquet a ɛtɔ so 14 no ase.

SAY Media (mprempren ɛyɛ The Arena Group no fa) gyee nsɛmma nwoma no wɔ afe 2011 mu. Wɔdaa Cat Fancy nsɛmma nwoma a ɛtwa toɔ a wɔtintimiiɛ no wɔ Ɔgyefuo 2015 mu berɛ a Lumina Media nyaa Cat Fancy ne Dog Fancy (mprempren Dogster ). Cat Fancy nsɛmma nwoma sesaa ne din yɛɛ no Catster nsɛmma nwoma, na ɛbɛyɛɛ nsɛmma nwoma a ɛba ɔsrane mmienu biara mu wɔ afe 2015.

Catster sesa

Catster de deɛ ɛdi kan a wɔatintim no too dwa wɔ Kotonima/Ayɛwohomummɔ 2015 mu. Afe 2017 mu no, Belvoir Media Group tɔɔ Catster ahyɛnsodeɛ no, na wɔkɔɔ so tintimm nsɛmma nwoma a wɔatintim no na wɔde ntanɛte so beaeɛ no dii dwuma. Belvoir Media Group de deɛ ɛtwa toɔ a wɔatintim no ne Obubuo/Ɔpɛnima 2023 deɛ no bɛto dwa, wɔ Catster ne Dogster ahyɛnsodeɛ a wɔtɔne maa Pangolia wɔ Ahinime 2023 akyi

Catster nwoma ahodoɔ anya abasobɔdeɛ pii, wɔ ntanɛte so ne deɛ wɔatintim nyinaa. Deɛ agye abasobɔdeɛ no bi ne:

  • 2023: Adansedie krataa a ɛkyerɛ sɛ obi yɛ adwuma yie, Bere ano-berɛ ano/Ɔman mu Dawubɔ Nwoma—Annie Butler Shirreffs, Ɛbɔ/Ahinime 2022 de
  • 2022: Abasobɔdeɛ Titire, Kari Winters Rescue ne Rehabilitation Abasobɔdeɛ—Dusty Rainbolt, “Gye Nkwa: Tete Agyinamoa ba”
  • 2020: MUSE Medallion, Atekele a Wɔatwerɛ: Wild Felines (nsɛmfua ɛnnuru 800)—Deborah Barnes, ”Cool Cats: Firi Nnyinamoa a wɔnni ɛna so kɔsi Ananmusifoɔ so”
  • 2019: MUSE Medallion, Berɛ ano-berɛ ano/Ɔman Dawubɔ Nhoma—Annie Butler Shireffs
  • 2018: Abasobɔdeɛ Titire, Lorie Huston Apomuden Abasobɔdeɛ—Helen Fitzsimons, ”Tanya Akwankyerɛ a ɛmu dɔ a ɛfa Feline asaabo mu yare a ɛnni sabea ho”
  • 2017: MUSE Medallion, Mfonini a ɛwɔ Ahosuo: Baako—Andrew Martilla, Catster Mfonini a Ɛwɔ Anim
  • 2017: Abasobɔdeɛ Titire, Lorie Huston Apomuden Abasobɔdeɛ—Lisa Richman, 2017. ”So Mpataa a Ɛwɔ Agyinamoa Aduane Mu Yɛ Bɔne Ma Nnyinamoa?”