Conjugated estrogens

Conjugated estrogens (CEs), anaa conjugated equine estrogens (CEEs), a ɛka Premarin ekuo no ho no, yɛ aduru a wɔde estrogen di dwuma wɔ menopausal hormone therapy mu ne nneɛma afoforɔ pii mu. Ɛyɛ sodium nkyene a ɛwɔ estrogen mu a ɛwɔ apɔnkɔ mu, estrone sulfate ne equilin sulfate yɛ nhwɛsoɔ.

Ɛho nsunsuansoɔ no bi ne sɛ ɛma wedeɛ no mu bue yɛ kɛseɛ na wote yaw wɔ wo nufo mu, etipaeɛ nsuo gu wo na ɛtumi nso ma wo yɛ basaa. Ɛbɛtumi ama endometrium hyperplasia ne endometrium kokoram ho asiane aba mmaa a wɔn awoɔ ho nte mu, berɛ a wɔamfa progestogen te sɛ progesterone anka ho no.

Adwumakuo Pfizer na ɛyɛ Premarin, a ɛyɛ CEEs a wɔdi no dwuma no. Wɔhyɛɛ aseɛ tɔnn no afe 1941 wɔ Canada ɛna United States wɔ afe 1942 mu. Yei ne estrogen a wɔtaa de di dwuma wɔ menopausal hormone therapy mu wɔ United States.

Dwuma a wɔde di

sesa

CEEs yɛ aduro a wɔde di mmaa yareɛ a wɔfrɛ no hormone therapy ho dwuma. Wɔtaa de di dwuma wɔ mmaa a wɔatwa bra na ɛboa ma honam keka, ahoɔhyeɛ ne ahoyera wɔtaa te nka wɔ wɔn ayaase no toɔ twa. Ɛsɛ sɛ wɔde ka progestogen ho ma mmaa a wɔantwa wɔn yafunu mu no. Wɔ mmaa a wɔanom aduro no dada no bɛtumi de adi dwuma de asa osteoporosis, mmom ɛnyɛ saa yareɛ yi nko ara na wɔde di ho dwuma.