Damba Afahyɛ

Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Damba afahyeafahyɛ a ahenfo ne wɔn nkorɔfo a wɔn wɔ Atifi mantam mu, Savana Mantam mu, Atifi Apei ne Atifi Atɔe Mnatam mu wɔ Ghan no di. Edin Damba no yɛ Dagbani kasa, Damma wɔ Mamprusi kasa mu ne Jingbenti wɔ Waali kasa mu. Wodi afahyɛ no wɔ Dagomba nnabupono a ɛne Damba no mu, saa da yi ne nkramofo bosome a ɛne Rabia al-Awwal hyia. Damba afahyɛ no yɛ nea wɔde kae krɔnkrɔnni Muhammad awoɔ ne ne dintoɔ, Nanso nneyɛe ne amammerɛ a wɔyɛ wɔ afahyɛ no ase nyinaa kyerɛ sɛ afahyɛ no fa ahenfo anuonyamhyɛ, na mmom nnyɛ Nkramosom mu nsɛm ho. Afahyɛ no gu ahorɔw mmiɛnsa a ɛne Somo Damba, Naa Damba ne Bielkulsi Damba.

Damba wo Tamale

Dwumadie ahorɔw sesa

Afahyɛ no hyɛ ase wɔ bosome a ɛne Damba no da a ɛtɔ so du no mu, na nea eikan a wɔyɛ no ne ‘Somo’ Damba, Nea edi hɔ no ne ‘’Naa’’ Damba a egyina hɔ ma ahenfo no na ɛno kɔ so wɔ bosome no da a ɛtɔ so 17 no mu. Nea ɛtwa toɔ a ɛyɛ afahyɛ no mpɔnpɔn so no ne ‘’bielkulsi’’ na ɛno kɔ so wɔ bosome a ɛtɔ so 18 wɔ Damba bosome no mu. Wɔ afahyɛ no bre so, wɔ bɔ mpae ma wɔn nananom nsamanfo, wɔ bɔ twene di asa na afei nso, abusuafo ne nnafo sra wɔn ho wɔn ho na wɔyɛ adɔe

Nkekaho sesa