Ernestina Abambila

Ghana mmaa mirikatufoɔ
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Ernestina Abambila (Wɔ woo no December da a ɛtɔ so 30, afe 1998) Yɛ Ghanaiani baa a n’adwuma ne bɔɔl bɔ, ɔyɛ obi a ɔbɔ mfinfini na osi akan ma bɔɔl bɔ kuo a ɛne Club de Huela a ɛwɔ abrokyiman Spain Primera Division. Abambila ne Ghanani baa a odikan too atena wɔ mmaa bɔɔl bɔ akansie a ɛne UEFA Women’s Champuions League. Odii kan sii akan maa ɔman Ghana wɔ afe 2017 bre a na w’adi mfie 18, na Ghana ne France na esii Akan no.

Bɔɔl bɔ, kuo sesa

Wɔ afe 2016 mu no, Abambila de ne nsa hyehyɛɛ nkrataa ase maa bɔɔl bɔ kuo a ɛne Youngstown State[1]. Abambila hyɛɛ bɔɔl bɔ adwuma ase bre a owie suapɔn. Ɔde ne nsa hyehyɛɛ nkrataa ase maa bɔɔl bɔ kuo a ɛne FC Minsk wɔ Belarusian mmaa bɔɔl akansie no. Ɔbɛyɛ Ghanani baa a odikan too atena wo mmaa bɔɔl bɔ akansie a ɛne UEFA Women’s Champuions League bre a FC Minsk dii nkonim wɔ Ljbljana so wɔ mmaa akansie a ɛne UEFA Women’s Champuions League koo so wɔ afe 2017 mu no[2].

Amanaman mu nnwuma sesa

Abambila akansie a odikan sii wɔ FIFA no yɛ 2014 FIFA mmaa a wonni mfie 2017 akansie a ɛkɔɔ so wɔ Costa Rica.  Akansie a odii kan sii no yɛ nea Ghana ne North Korea sii ma Ghana dii nkuguo 2-0 no[3].

Abaso bɔ sesa

Bɔɔl bɔ kuo sesa

FC Minsk

  • Belarusian Premier League (mmaa) odikanfo 2017
  • Belarusian mmaa akansie odikanfo 2017

Nkekaho sesa

  1. https://ghanasoccernet.com/ghana-star-ernestina-abambila-signs-for-youngstown-state
  2. "Archive copy". Archived from the original on 2018-02-08. Retrieved 2021-08-31. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. "Archive copy". Archived from the original on 2017-09-04. Retrieved 2021-08-31. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)