Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Eskista yɛ amanneɛ bi a ɛwɔ Ethiopia amammerɛ asa mu firi Amhara nnipakuo bi [1]mu a mmarima, maamefoɔ ne mmɔfra na ɛdi saa dwuma no. Ɛnam ne dwumadie soronko a wɔde wɔn abɛtiri yɛ a ɛne Shim-shim asa a ɛyɛ Tigrinya efipamfoɔ a ɛwɔ Eritrea ɛkyɛ nti ama nnipa pii noa nim saa asa no.Wɔ bobɔ sane pem san wɔ abɛtiri, pia wɔ bo ne wɔn kɔn ahoɔden so wɔ kwan pii so sɛ wɔresa saa asa noa. Eskista yɛ asa bi a wɔsa wɔ Ethiopia amanneɛ nnwom mu, nanso wobɛtumi asa saa asa no wɔ ɛnnɛ mmere yi nnwom ahodoɔ bi mu te sɛ nwoma wɔto no wɔ abɛɛfo mmere yi Ethiopia nnwom mfonin mu. Adeɛ a ɛyɛ den wɔ Ethiopia asa mu ne nnoɔma a ɛkɔso wɔ wɔn amammerɛ asa no. Wɔwɔ Eskista ahodoɔ wɔ mantam aduonu mu, a wɔn mu biara wɔ wɔn ara tetea abakwasɛm ne baabi soronko a ɛfiri, ɛwɔm sɛ pii no ara gyina akuafoɔ adantam binom a ɛwɔ Ethiopia adwumaden so. Nhwɛsoɔ ne sɛ, Muchi Mit(a wɔfrɛ no Zobiew) wɔ yɔ no wɔ Menjar na wɔde wɔn nan hyɛ mu suasua te sɛ nea Teff yɛ no, saa beaɛ no na ɛkyerɛ sɛ wonim yɛ ma no boro so.

A woman in a Habesha kemis performing the Eskista

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. https://www.worldcat.org/title/ethiopia-history-culture-and-challenges/oclc/978295392