Ethinylestradiol/norethisterone

Ethinylestradiol/norethisterone (EE/NET) anaa ethinylestradiol/norethindrone, ɛyɛ nnuro ahodoɔ yɛde si nyinsɛn ano a yɛaka abom. Ɛkura ethinylestradiol (EE), a ɛyɛ estrogen ne norethisterone (NET), a ɛhyɛ progestin ase. Yɛde si nyinsɛn ano kwan na ɛso nsunsuansoɔ no bi ne endometriosis ne menopausal symptoms. Ɛtumi nso ma nsaa gu obi anim. Ɛyɛ aduro a wɔnom. EE/NET no bi kura iron supplement a ne yɛbea te sɛ ferrous fumarate.

Deɛ ɛbɛtumi aba no bi ne ɔkwa, tipaeɛ, mogya a ɛtwe, nufoɔ mu yaw, adwenemhaw, ne akwahosan mu haw. Wɔnnye ntom sɛ wɔde di dwuma berɛ a obi anyinsɛn, nnawɔtwe mmiɛnsa a edi kan wɔ awoɔ akyi, ne wɔn a wɔwɔ mogya mu haw kɛseɛ no. Wɔtumi fi aseɛ ntɛm ara wɔ nyinsɛn a woayi anaa nyinsɛn asɛe no akyi.Wɔnnye ntom sɛ ɛsɛ sɛ wonom sigaret berɛ a wɔde nnuro a wɔde si awoɔ ano di dwuma no. Ɛtumi si awoɔ ano koraa, na nsuo bɛgyina yafunu no ano.

Wɔmaa kwan ma wɔde saa aduro yi dii dwuma wɔ United States wɔ afe 1964 mu. Ɛwɔ Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛdeɛ no Akwankyerɛ a Ɛfa Aduro a Ɛho Hia ho (WHO). Ɛwɔ hɔ sɛ aduro bi a wɔde di dwuma daa. Wɔtɔn no wɔ din ahodoɔ pii ase. Wɔ afe 2021 mu no, na ɛyɛ aduro a ɛtɔ so 52 a wɔtaa de ma wɔ United States, a na wɔde ma nnipa bɛboro ɔpepem du mmienu.