Ghana wɔ Paralympics akansi no mu

Ghana dii kan wɔ Paralympic Games mu wɔ 2004 Summer Paralympics a ɛkɔɔ so wɔ Athens no mu, na ɔsomaa ananmusifoɔ mmiɛnsa sɛ wɔnkɔsi akan wɔ agumadiɛ mmienu mu. Nkegbe Botsyo, wɔ agumadi mu, de ne ho hyɛɛ mmarima mmirikatuo a ɛyɛ mita 100, mita 200 ne mita 400 mu, wɔ T54 mu. Ajara Mohammed hyɛn mmea 800m ne marathon a ɛno nso wɔ T54 mu no mu. Alfred Adjetey Sowah sii akan wɔ powerlifting mu, wɔ mmarima a ɛkɔ soro kodu kilogram 52 mu.[1]

Botsyo ne Mohammed san baeɛ sɛ wɔrebɛsi akan bio wɔ 2008 Summer Paralympics a ɛkɔɔ so wɔ Beijing, kane no wɔ mmarima 100m ne 200m (T54), na deɛ ɔdi akyire no wɔ mmaa 200m ne 1,500m (T54).

Ghanani biara nni hɔ a wanya nkonimbo wɔ Paralympic Agumadi no mu da.

Ghana de ne ho hyɛɛ afe 2012 Summer Paralympics mu, na National Paralympic Committee a ɛwɔ Ghana no paw Bedford sɛ UK ntetee beae ma ne Paralympians.[2]

References sesa

  1. http://www.paralympic.org/Sport/Results/search.html?npc=GHA&gender=all&medal=all&sport=all&games=all
  2. https://web.archive.org/web/20120714070430/http://www.bedford.gov.uk/council_and_democracy/council_news/archived_news/february_2012/on_your_marks.aspx