Gwollu Ahoammɔ ɔfasuo

Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Gwollu Ahobamo Ofasuo Yɛ abakɔsɛm ɔfasuo a ɛwɔ Atɔe Anafoɔ Mantam no mu wɔ Ghana[1][2]. Ɔfasuo no yɛ nea ɛbɛn Burkina Faso ne Mali hyeɛ so. Botae a wɔde sii saa ɔfaso yi ne sɛ wɔde bɛko atia nkoasom dwadie.

Abakɔsɛm sesa

Gwollu Ahobammɔ ɔfaso no yɛ nea wosii no wɔ afeha a ɛtɔ so dunkrɔn no mu na nea osii no din ne Gwollu Koro Limann. Ɔfasuo no ka ahyɛnsode ahorɔw a ɛfa nkoasom dwadie no no[3][4]. ɔko kesee bi sii wɔ mantam no mu na wɔn wodii saa ɔko no anim ne ɔsahene Babatu ne Samori. Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn man no benya ahobammɔ afiri saa ɔko ahorɔw yi ho no, wosii saa ɔfasuo yi. Botae baako ne sɛ wɔde bebɔ wɔn afie ho ban, na afei nso, abɔ nfuo ne asubɔnen ahorɔw no h ban. Abakɔsem kyere se, ɔfasuo no si dii beye mfie 10 kosi mfie 25 nanso, w’anumi anwie ne si[5]. Wogyaa ɔfasuo no hɔ a w’antoa so bere a Atlanta nkoasom dwadie no baa n’awie no, ɛnfa ho saa amanifoo no ankasa kɔ so di saa dwa no. Efa a ɛwɔ Gwollu no nkoa na aka, si ho.[6][7]

Nkekaho sesa

  1. https://ghana.peacefmonline.com/tourism/tourist_attractions/historic_sites/gwollu_slave_trade_defence_wall/
  2. http://ghana-net.com/gwollu-slave-trade-defence-wall.html
  3. https://www.ghanamuseums.org/wa-naa-palace.php
  4. Archive copy, archived from the original on 2021-08-02, retrieved 2021-08-02{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  5. https://haunsinafrica.com/2018/10/23/gwollu-slave-defense-wall/
  6. https://www.jstor.org/stable/24406359
  7. https://afrotourism.com/attraction/slave-defense-wall/