Hal Leonard Adwumaku0 no adwumayɛbea ti a ɛwɔ 7777 W Bluemound Rd, Milwaukee, WI 53213.

Hal Leonard LLC (kane no na wɔfrɛ no Hal Leonard Corporation ) yɛ Amɛreka nnwom tintim ne ne kyɛ adwumakuo n'abɔseɛ firi Winona, Minnesota a Harold "Hal" Edstrom, ne nuabarima, Everett "Leonard" Edstrom, ne ne yɔnko nnwontoni, Roger Busdicker na wɔyɛ kɔfabae. Mprempren yi, adwumakuo no ti wɔ Milwaukee, Wisconsin, ɛno ne nnwom a wɔatwerɛ tintimfo a ɛso sene biara wɔ wiase. Mprempren yi, ɛka Muse Kuw no ho.

Adwumakuo no yɛ nnwom a wɔatwerɛ , nnwom nwoma, ne ɔkwan nwoma (a wɔde ɔdio ka ho) akuakuo, ne nnwontofoɔ kuo, ne nnwontofoɔ kuo nhyehyɛeɛ, mmoa nwoma ahodoɔ, akwankyerɛ ho, ne mfidie ahodoɔ a wɔde ka ho. Bio, wɔkyɛ nneɛma afoforɔ te sɛ Gibraltar, Gretsch Drums, Avid, Blue Microphones, ne afoforɔ pii. 1989 mu no, Hal Leonard tɔɔ Jenson Publications ne ne nnwontofoɔ kuo, ne nnwontoɔ kuo din ahodoɔ a wɔahyehyɛ no. 1995 mu no, Hal Leonard firii aseɛ kyɛɛ Homespun Music Instruction akwankyerɛ vidio ne nneɛma a wɔde tie.

Afe 1997 mu no, Hal Leonard ne Music Sales Group de SheetMusicDirect.com baeɛ, wiase mu ntanɛte so bea a ɛdi kan a wɔde afidie so nnwom a wɔatwerɛ ne guitar tabulakya dii dwuma. Wɔ afe 2004 mu no, Hal Leonard tɔɔ Applause Theatre and Cinema Books. Wɔ afe 2006 mu no, Hal Leonard tɔɔ Amadeus Press ne Limelight Editions. Afei nso wɔ afe 2006 mu no, Hal Leonard tɔɔ Backbeat Books a ɛtintim AllMusic mmoa nwoma akwankyerɛ ne nwoma afoforo a ɛfa nnwom ho no firii CMP hɔ.

Wɔ afe 2009 mu no, Hal Leonard gyee Shawnee Press firiiMusic Sales Group hɔ . Wɔ afe 2014 mu no, Hal Leonard tɔɔ Noteflight, ntanɛte so nnwom atwerɛ aboafoɔ ne kuo a wɔkyɛ mma. Ankorankoro adwumakuo Seidler Equity Partners tɔɔ adwumakuo no mu kyɛfa dodoɔ no ara wɔ Ayɛwohomummɔ, 2016 mu. Nsakrae a ɛbaa Hal Leonard mu wɔ ne wuranom mu akyi no, wɔsan hyehyɛɛ Hal Leonard firii nkabomkuo mu bɛyɛɛ adwumakuo a ɛwɔ asodie kakraa bi.

Wɔ afe 2017 mu no, Hal Leonard tɔɔ nnwom a wɔtɔn wɔ ntanɛte so a wɔfrɛ no Sheet Music Plus . Wɔ afe 2018 mu no, Hal Leonard tɔɔ wiase nyinaa nnwom tintimfo a wɔde wɔn ho The Music Sales Group nnwom a wɔatintim honam fam ne ntanɛte so nnwuma. Wɔsan nso tɔɔ Groove3, ntanɛte so bea a ɛdi kan a ɛyɛ nnwom mfididwuma nkyerɛkyerɛ vidio ahodoɔ. Wɔ December 2018 mu no, Hal Leonard de too dwa sɛ wɔatɔn wɔn dwadie ho din ahodoɔ nnum—Hal Leonard Books, Applause Theatre & Cinema Books, Amadeus Press, Backbeat Books, ne Limelight Editions —ama Rowman & Littlefield .

Ɛde bɛsi afe 2020 no, Hal Leonard tintim, kyɛ, na ɛgyina hɔ ma nnwom a wɔatintim no yiedie a nnwumakuo pii a wɔpa nwoma ho ntoma, tete nnwom ne deɛ agye din nyinaa. Wɔ Amɛreka Atifi fam no, Hal Leonard nko ara na ɔwɔ tumi krataa ma Disney Nnwom Kuw ne Universal Music Publishing Group . Hal Leonard nso na ɔkyɛ nnwom wɔ Amɛreka Atifi fam ma Amɛreka ne Europa tete nnwom atintimfoɔ pii, a G. Schirmer, Inc., Boosey & Hawkes, Éditions Durand, ne Faber Piano Adventures ka ho. Ne sukuu nnwom tintim nnwumakuo pii a ɔnyae wɔ mfeɛ 40 a atwam no mu so no, mprempren yi, Hal Leonard yɛ nnwom tintimfoɔ kɛseɛ a wɔwɔ nnwom ho adesua mu no mu baako; deɛ ɔne no resi akan titire wɔ nwomasua dwa so ne Alfred Music .

Hal Leonard adwumakuo no adwumayɛbea ti wɔ Milwaukee, Wisconsin. Wɔn nkyekyɛmu, wɔn nneɛma a wɔde ba abɔnten ne wɔn adekorabea ahhodoɔ wɔ Winona a ɛwɔ Minnesota. Wɔsan nso wɔ adwumayɛbea ahodoɔ wɔ Austin, Boston, ne San Francisco. Ɛsan nso wɔ adwumayɛbea ahodoɔ wɔ amannɔne wɔ Australia, Belgium, China, Germany, Netherlands, India, Italy, Switzerland, ne London ne Bury St. Edmunds a ɛwɔ England nso.

Hal Leonard aboa abasobɔdeɛ pii ama nnwontofoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ nkumaa. Hal Leonard ne Jazz Education Network aka abom de Hal Leonard Collegiate Scholarship a wɔde maa Tanner Guss wɔ afe 2017 mu no ama

Nhwɛsoɔ:Authority control