Hanna Serwaa Tetteh

Hanna Serwaa Tetteh (wɔwoo no 31 kɔtɔnimaa 1967)[1][2]yɛ Ghana mmaranimfo ne ɔmanyɛfo.[2]Ɔdii Ghana aban mu sɛ Ɔmanpanin a ɔhwɛ Aguadiɛ ne Nnwuma so firi afe 2009 kɔsi afe 2013[1]ne Ɔmanpanin a ɔhwɛ amannɔne nsɛm so firi afe 2013 kɔsi afe 2017.[3][4]Ɔsan nso yɛ Mmarahyɛ Bagua no muni ma Awutu-Senya Atɔeɛ mantam.[4] Mprempren ɔsom sɛ Amanaman Nkabom Ɔkyerɛwfo Panyin no Ɔnanmusifo Titiriw a ɔhwɛ Afrika Abɛn no so.[5]

Abrabɔ Ashasiɛ ni Adesua sesa

 
Hanna Tetteh
Awo bere31 May 1967 ( age 56)
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaBarrister
PredecessorMuhammad Mumuni
SuccessorGeorge Andah
Political partyNational Democratic Congress


Wɔwoo Tetteh wɔ Szeged, Hungary, na n’agya yɛ Ghana na ne maame yɛ Hungary.[6] Ne ntoaso sukuu wɔ Wesley Girls’ High School, Cape Coast, wɔ Central Region of Ghana, fi afe 1978 kosi 1985. Wɔ afe 1986 ne 1989 ntam no, osuaa mmara wɔ Ghana Sukuupɔn mu, ɛhɔ na onyaa Bachelor of Law (LL. B) abodin krataa.[6] Afei ɔkɔɔ Ghana Mmara Sukuu, na ɔbɛyɛɛ mmaranimfoɔ wɔ afe 1992 mu.[7]

Adwuma sesa

Tetteh yɛɛ ne Ɔman Dwumadi sɛ Mmaranimfo wɔ Amanaman Ntam Mmea Mmaranimfo Fekuw (FIDA) fi 1992 kosi 1993.[2] Bere a owiee ne Ɔman Dwumadi no ɔyɛɛ adwuma wɔ Private legal practice mu wɔ Law firm Ansa-Asare and Company, a ɛwɔ Hencil Chambers wɔ Accra, Ghana.[8]

Mfeɛ mmienu a ɔde yɛɛ kokoam mmara adwuma akyi no, Tetteh kɔkaa Commission on Human Rights and Administrative Justice ho sɛ Mmaranimfoɔ, nanso akyiri yi saa afe no ara mu no, ɔde ne ho kɔbɔɔ Ghana Agro Food Company (GAFCO) sɛ Mmara ho Ɔfotufoɔ; Na GAFCO yɛ adwumakuw a wɔyɛ nnuan a wɔyɛ awi esiam, nkokɔ ne mmoa aduan, mpataa a wɔayam ne tuna a wɔde ahyɛ toa mu. Adwumakuw no nso dii nnuan ne mmoa ho nneɛma afoforo ho gua na na ɛwɔ Tema Hyɛn Gyinabea Mpɔtam wɔ Tema[9]na ɔwɔ adwumayɛfo dibea afoforo wɔ adwumakuw no mu a ɛne Nnipa Nnwuma ne Mmara Dwumadibea sohwɛfo na ɛno akyi no, Ɔhwɛfo Panyin Abadiakyiri (Sikasɛm ne Adwumayɛ sohwɛfo kosii sɛ ɔkɔɔ kɔɔ amammuisɛm mu wɔ afe 2000. Bere a ɔdii dwuma wɔ Mmarahyɛ Bagua no mu akyi no, wansi akan ntɛm ara sɛ wɔbɛsan apaw no bio na ɔsan kɔkaa GAFCO ho sɛ General Manager (Corporate, Administration and Legal) baabi a ɔyɛɛ adwuma kosii December 2009.[2]

Efi afe 2019 no, ɔyɛɛ Amanaman Nkabom no Ɔkyerɛwfo Panyin no Ananmusifo Titiriw wɔ Afrika Aman Nkabom Kuw no mu ne Amanaman Nkabom Dwumadibea a ɛwɔ Afrika Aman Nkabom Kuw (UNOAU) no Titenani.[10]

Mprempren Hannah Tetteh resom sɛ Amanaman Nkabom Ɔkyerɛwfo Panyin Ɔnanmusifo Titiriw a ɔhwɛ Afrika Abɛn no so.[11]


Ɔmanpanyin a ɔhwɛ Aguadi ne Nnwuma so, 2009–2013

NDC nkonimdie akyi wɔ afe 2008 abatoɔ mu no Tetteh bɛyɛɛ Aban a wɔapaw no foforɔ no kasamafoɔ berɛ a na nhyehyɛeɛ a wɔde bɛpaw nnipa foforɔ no rekɔ so na wɔ Ɔpɛpɔn 2009 mu no, Ɔmanpanin John Atta Mills yii no sɛ ɔmmɛyɛ Ɔmanpanyin a ɔhwɛ Aguadi ne Nnwuma so. Wɔ Mmarahyɛ Bagua no si so dua akyi no ɔgyee adwuma no na ɔdii dibea sɛ Ɔmanpanyin a ɔhwɛ Aguadi ne Nnwuma so firi Ɔpɛpɔn 2009[2] kɔsii Ɔpɛpɔn 2013.

Bere a na ɔyɛ Aguadi ne Nnwuma ho Ɔsoafo no na ɔsan yɛ Aban no sikasɛm sohwɛ kuw no muni, na ɔyɛ Mfirihyia Apem Nkɔso Bagua no bagua no muni a na ɛhwɛ Mfirihyia Apem Nsɛnnennen Kuw Apam a edi kan a wɔde bedi dwuma wɔ Ghana no so. Ɔsan nso yɛɛ adwuma wɔ Ɔman Nkɔsoɔ Nhyehyɛeɛ Bagua no mu, na na ɔyɛ Ghana Free Zones Board (GFZB) no Titenani.

San kɔ Mmarahyɛ Bagua no so, 2013–2017

Berɛ a John Mahama bɛdii Ɔmampanyin Atta Mills a wawuo no ananmu wɔ afe 2012 mu no, ɔsan nso paw Tetteh sɛ Nkitahodiɛ sohwɛfoɔ maa ne afe 2012 abatoɔ ɔsatuo. Ɔsan nso sii gyinae sɛ ɔbɛsan asi akan ama mmarahyɛ bagua atenaeɛ bio na wɔpaw no sɛ ɔmmɛyɛ Awutu Senya West amansin atenaeɛ a wɔayɛ no foforɔ no wɔ December 2012 abatoɔ no mu berɛ a ɔyɛɛ mmarahyɛ baguani maa Awutu Senya Mansin mantam firi afe 2001 kɔsi afe 2005 no.

Ɔdii nkonim wɔ atenaeɛ no akyi a ɔnyaa abatoɔ 23,032 a ɛgyina hɔ ma 55.47% tiaa nea ɔbɛn no paa Oppey Abbey a ɔno nso yɛ kan Mmarahyɛ Bagua no muni ma Awutu Senya Mantam a ɔnyaa abatoɔ 18,487 a ɛgyina hɔ ma 44.53%.[12]


Ɔhweree atenaeɛ no maa George Andah wɔ afe 2016 mmarahyɛ bagua abatoɔ mu a ɔnyaa abatoɔ 28,867, 52.27% tiaa ne abatoɔ 25,664 a ɛgyina hɔ ma 46.87%.[13][14]

Ankorankora asetena sesa

Tetteh yɛ Gizella Tetteh Agbotui nuabea a ɔyɛ mmarahyɛ baguani ma Awutu Senya West Constituency baabi a ɔsan nso yɛɛ mmarahyɛbadwani.[15]

Bia Mmoa Efiri sesa

  1. 1.0 1.1 Hanna Tetteh appointed UN Director-General in Nairobi (in American English), 2018-07-13, retrieved 2023-10-03
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 {{CitatioEdit sourcen |title=Hanna Tetteh |date=2023-09-17 |url=https://en.wikipedia.org/w/index.php?title=Hanna_Tetteh&oldid=1175858031 |work=Wikipedia |language=en |access-date=2023-10-03}}
  3. Hanna Tetteh sworn in as D-G, UN, Nairobi, 2019-04-03, archived from the original on 2019-04-03, retrieved 2023-10-03
  4. 4.0 4.1 "Hanna Tetteh", Wikipedia (in English), 2023-09-17, retrieved 2023-10-03
  5. "Hanna Tetteh", Wikipedia (in English), 2023-09-17, retrieved 2023-10-03
  6. "Hanna Tetteh", Wikipedia (in English), 2023-09-17, retrieved 2023-10-03
  7. Ms. Hanna S. Tetteh of Ghana - Director-General of the United Nations Office at Nairobi (UNON) | United Nations Secretary-General, retrieved 2023-10-03
  8. MyJoyOnline.com - Myjoyonline (Ghana News) Ghana's most comprehensive website. Independent, Fearless and Credible journalism (in American English), retrieved 2023-10-03
  9. "Hanna Tetteh", Wikipedia (in English), 2023-09-17, retrieved 2023-10-03
  10. Secretary-General Appoints Hanna Serwaa Tetteh of Ghana Special Envoy for Horn of Africa | UN Press, retrieved 2023-10-03 {{citation}}: no-break space character in |title= at position 56 (help)
  11. Ghana's Hanna Tetteh appointed UN Special Envoy for Horn of Africa (in English), 2022-02-23, archived from the original on 2023-05-27, retrieved 2023-10-03
  12. Peace FM, Awutu Senya West Constituency Results - Election 2012, retrieved 2023-10-03
  13. "Hanna Tetteh", Wikipedia (in English), 2023-09-17, retrieved 2023-10-03
  14. "Hanna Tetteh", Wikipedia (in English), 2023-09-17, retrieved 2023-10-03
  15. "Hanna Tetteh", Wikipedia (in English), 2023-09-17, retrieved 2023-10-03