Joe Kwashie Gidisu

Joe Kwashie Gidisuamanyɔni ne kyerɛkyerɛni ne kane ɔsoafoɔ a ɔhwɛ akwantempɔn ne akwan keseɛ so wɔ Ghana.[1]

Hon.
Joe Kwashie Gidisu
Member of the Ghana Parliament
for Central Tongu
Mprenpren
Bere
Jan 2005
OdikanfoFirst
Ɛdɔm keseɛ12,488
Member of the Ghana Parliament
for North Tongu
Bere
Jan 2001 – Jan 2005
OdikanfoAustin Gamey
AnanmusiniCharles Hodogbey
Ɛdɔm keseɛ32,220
Minister for Roads and Highways
Mprenpren
Bere
Feb 2009
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
Ne ho asɛm
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Mma3
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaTeacher
CommitteesCommittee on Members Holding Offices of Profit
Lands and Forestry committee

Abrabɔ Ahyɛase ne Nnwomasua sesa

wɔwoo Joe Gidisu wɔ Ɔpɛpɔn bosome 1952 wɔ Bakpa Alabonu wɔ Volta Mantam mu wɔ Ghana.[2] Ɔnyaa ne mfitiaseɛ nwomasua wɔ Bakpa Alabonu Mpɔtam Aban Mfitiaseɛ Sukuu mu wɔ afe 1959 ne 1963 ntam.

Afei ɔkɔɔ Mafi Devime Local Authority Middle School a ɔwiee wɔ afe 1967. Afei ɔkɔɔ Kibi Men’s Training College baabi a ɔnyaa Teachers’ Certificate ‘A’. Wɔ afe 1975 ne 1977 ntam no, ɔkɔɔ Advanced Teacher Training College wɔ Winneba baabi a onyaa Specialist Teachers’ Certificate.

Afei Gidisu kɔɔ University of Ghana mu baabi a ɔnyaa B.A. Hons wɔ afe 1981. Ɔkɔɔ Netherlands baabi a ɔyɛɛ adesua akyi adesua wɔ Institute of Social Studies, The Hague baabi a onyaa M.A. wɔ Development Studies mu.[3]

Adwuma sesa

Gidisu kyerɛɛ ade wɔ Bontibor Mpɔtam Aban Mfitiaseɛ Sukuu mu wɔ afe 1971 ne 1973 ntam hɔ.Bere a ɔfirii Kibi Mmarima Nteteeɛ Kɔlege no, ɔkyerɛɛ adeɛ wɔ Dormaa Ntoaso Sukuu mu wɔ afe 1977 ne 1978 ntam.[3]

Amanyɔsɛm sesa

Wɔpaw Gidisu sɛ Mmarahyɛbadwamni ma North Tongu Ɔpɛnimma bosome wɔ mfeɛ 2000 mmarahyɛbadwam abatoɔ mu.[4] Bere a wɔsan twee ahye no akyi no, ogyinaa Central Tongu akyi na odii nkonim wɔ Ghana mmarahyɛbadwam abatoɔ mu wɔ mfeɛ 2004 mu[5][6]na ɔfaa saa agua no wɔ Ɔpɛpɔn 2005 mu.

Ɔkɔɔ so kuraa n’akonnwa so wɔ mfeɛ 2008 Ghana mmarahyɛbadwam abatoɔ mu.[7] Saa abatoɔ yi akyi no, John Evans Atta Mills, Ghana Ɔmanpanyin na ɔpaw no sɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ akwan ne akwan akɛseɛ so wɔ Ɔpɛpɔn, 2009 mu.[8]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. Sammy Adjei (2018-09-12), Abodakpi Speaks : I’m Best Bet For NDC Chairmanship Post | News Ghana (in American English), retrieved 2023-10-01
  2. Hon.Gidisu Joe Kwashie | The Parliament of Ghana, 2011-07-16, archived from the original on 2011-07-16, retrieved 2023-10-01
  3. 3.0 3.1 Government of Ghana - Government of Ghana, 2017-01-30, archived from the original on 2017-01-30, retrieved 2023-10-01
  4. https://web.archive.org/web/20080731031405/http://psephos.adam-carr.net/countries/g/ghana/ghana11.txt
  5. http://library.fes.de/pdf-files/bueros/ghana/03610.pdf
  6. List: Winners of the 2012 Parliamentary elections - MyJoyOnline (in American English), 2012-12-10, retrieved 2023-10-12
  7. Parliamentary Results Tongu Central (Volta Region), retrieved 2023-10-12
  8. BusinessGhana, retrieved 2023-10-12