Joseph Ghansah

 

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Joseph Ghansah
Member of parliament for Tarkwa-Nsuaem Constituency
Bere
7 January 1997 – 6 January 2001
ƆmanpanyinJohn Jerry Rawlings
OdikanfoMathew Kojo Kum
Ne ho asɛm
Awo bereTarkwa-Nsuaem, Western Region Ghana)
Ne manGhanaGhana
AmanyɔkuoPeople's Convention Party
N'adwumaAmanyɔni

Joseph Ghansah yɛ Ghanani amanyɔni a ɔsanso yɛ mmerahyɛbadwani wɔ Ghana mmerahyɛbadwafie a ɛtoso mmienu wɔ Adehyeman Ghana amanmuo a ɛtoso nan a ɔgyinaa hu maa Tarkwa Nsuaem abatoɔ mpɛsuaso a ɛwɔ Atɔeɛ Mantanm a ɛwɔ Ɔman Ghana mu.[1][2][3]

Abrabɔ Ahyeaseɛ sesa

Yɛ woo Ghansah wɔ Tarkwa-Nsuaem a ɛwɔ Ghana Atɔeɛ Mantanm.[4]

Amanyɔsɛm sesa

Ghansah mmerɛ a ɛdinkae a yɛ too aba maa no kɔɔ mmerahyɛbadwam no, ɔkɔɔeɛ wɔ People's Convention Party tumi krataa so de maa Tarkwa-Nsuaem abatoɔ mpɛsuaso a ɛwɔ Atɔeɛ Mantanm a ɛwɔ Ɔman Ghana mu wɔ ɛmmerɛ a Ɔman Ghanafoɔ nyinaa abatoɔ a wɔn kɔ tooeɛ wɔ Ɔpɛnimaa bosome no mu wɔ afe apam ahankron ne aduokron nsia (1996 Ghanaian general elections).[5] Ɔgyinaeɛ wɔ abatoɔ akansie no mu na ɔde mma no mu mpem aduonu nan ahanson ne du nwɔtwe( 24,718) wɔ aba a yɛ tooeɛ no nyinaa mu no dii nkunim wɔ Owura John Aidoo a na ɔgyina maa National Convention Party (NCP) amanyɔkuo) a ɔno nso nyaa mma no mu apem, ahansia ne aduonu mmienu (1,622 ), Mr. Joe Arthur a ɔno nso firi National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no mu no nso nyaa mma no mu mpem dunum ne du mmienu (15,012) ɛne Rose Esi Amoah a ɔno nso firii New Patriotic Party(NPP) amanyɔkuo.[6]Wɔ mmerɛ a ɔbɔɔ ne ho mmoɔden sɛ anka ɔbɛtumi akɔ mmerahyɛbadwafie ne mprɛnuu soɔ, ɔdii nkuguo maa Gifty Eugenia Kwofie a ɔfiri New Patriotic Party(NPP) amanyɔkuo no mu no dii ne so nkunim wɔ mfei mpem mmienu abatoɔ no a Ɔman Ghana nyinaa kɔ tooeɛ no mu.( 2000 Ghanaian general elections).[7]Ɔbɛ yɛɛ amanmusini demaa Owura Mathew Kojo Kum a ɔfiri National Democratic Congress(NDC).amanyɔkuo dwumadibea na ɔyɛɛ ɔsomeɛ sɛ mmerahyɛbadwani mprɛ baako pɛ.

Bea me nyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. Ghanaian Parliamentary Register (1992–1996)
  2. Ghanaian Parliamentary Register (1992–1996)
  3. https://web.archive.org/web/20070928085221/http://212.67.202.38/~gri/Elect/1996results.html
  4. Ghanaian Parliamentary Register (1992–1996)
  5. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/western/230/index.php
  6. "Archive copy" (PDF). Archived from the original (PDF) on 2020-10-12. Retrieved 2022-04-19.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  7. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/western/230/index.php