Joseph Quansah Naayi Kojo-Krobo

Joseph Quansah Naayi Kojo-krobo yɛ Ghanani a ɔyɛ mfidie ho adwuma.

Sukuu sesa

Quansah kɔɔ sukuu wɔ 'All Nation's University College'. All Nation University College yɛ ankrankorɛ suapɔn a ɛwɔ Ghana Apueɛ Mantam mu, mere kyerɛ Koforidua. Ɛhɔ na Ɔpanin Joseph Kwansa Kɔsuaa mfididwuma mu nimdeɛ (engineering), ɛnam so maa no bɛyɛɛ mfididwuma mu okunini.[1]

Adwuma sesa

Quansah ne ne nnamfofoɔ mmiensu; Benjamin Bonsu, ne Ernest Teye Matey kaa wɔn tiri bam ho sɛ wɔbɛyɛ afidie nwanwasoɔ bi a wɔfrɛ no 'Satellite'. Ɔhyɛɛ aseɛ aseɛ mfeɛ mpem mmienu ne du-num (2015) mu na ɔwiee wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nson mu. Ɛyɛ 'All Nations University College' ne Japanfoɔ suapɔn baako a wɔfrɛ no 'Kyushu Institute of Technology' na wɔka bɔɔ mu yɛɛeɛ.[2]

Mfasoɔ sesa

Afidie no y3 adeɛ a ɛho hia yie pa ara, ɛfiri sɛ ɛho mfasoɔ a ɔman no bɛnya no dɔɔso yie. Ebi ne sɛ, ɛbɛboa ama yɛahunu ewiem nsakyeraeɛ ne ɔkwan a yɛbɛfa so asi ano. Ɛnam sɛ ɛtumi tu kɔ wiem nti no ɛbɛboa ama yɛahunu nnoɔma bɔne a ɛkɔ so wɔ ɔman yi ahyeɛ so na ama mpanimfoɔ ahunu ɔkwan a wɔbɛfa so amia bambɔ mu wɔ ɔman no ahyeɛ so. Ɛsan boa ma kasamfonini, kasanoma ne nnoɔma bebree nya mframapa de di wɔn dwuma ahodoɔ pii.[3]

Satellite sesa

Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ afidie yi ho ka som Amerika sika no ($50,000). Afidie yi kɛseɛ ne ɛmu (4) duro nso yɛ (1000 grams). Ɛwom sɛ suapɔn baako a ɛwɔ Japan man mu ka ho deɛ, nanso ɔman Ghana ha yi ara na wɔyɛɛ no na wɔsane sɔ hwɛɛ wɔ “All Nation’s University College” a ɛwɔ Koforidua (Apueɛ Mantam mu). Wei ne adwumaden a Owura  Joseph Quansah Kojo-Krobo de ne ho hyɛɛ mu a enti ama no agge din wɔ Ghana ha ne wiase nyinaa na ama no ayɛ nipa sononko sɛ ɔno ne bibini a ɔdi kan wɔ ɔman mu a watumi ayɛ afidie nwanwasoɔ sei.[4]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. "Archive copy". Archived from the original on 2020-04-23. Retrieved 2022-04-04.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. https://thisisafrica.me/africans-rising/three-ghanaian-students-launch-ghanas-first-satellite-ghanasat1-space/
  3. https://www.bbc.com/news/world-africa-40538471
  4. Archive copy, archived from the original on 2022-05-16, retrieved 2022-04-04{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)