Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Joyce Aryee
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameJoyce Sesa
family nameAryee Sesa
date of birth27 Ɔbɛnem 1947 Sesa
spouseCharles Wereko-Brobby Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, businessperson, executive director Sesa
position heldMinister for Education, Minister for Local Government, Minister for Information Sesa
educated atAkyimɔta Ntoasoɔ Sukuu, University of Ghana Sesa
academic degreeBachelor of Arts Sesa
academic majorEnglish Sesa
religion or worldviewKristofo Sesa
award receivedGhana UK-Based Achievement Awards, Chartered Institute of Marketing Ghana Sesa
nominated forAmerican Biographical Institute Sesa
official websitehttp://www.auntyjoyce.com/ Sesa

Joyce Rosalind Aryee, a wɔsan frɛ no "Auntie Joyce", yɛ kan Ghanani amanyɔsɛmni, ɔsɔfo ne oguadini. Aryee yɛ obi a wonim no sɛ woasom Ghana bɛboro mfe 40 wɔ aban ne nnwuma kuw ahorow mu. Ɔyɛ kan Ghana Chamber of Mines soafo, na na ɔyɛ Afrikani bea a odi kan a onyaa saa hokwan no. Ɔsan nso akura aban mu hokwan ahorow fi PNDC aban bere so. Sesei, ɔyɛ asɔre a ɛne Salt and Light Ministries soafo.

Joyce Aryee (2013)

Kan Asetena ne Sukuukɔ sesa

Ne maame yɛ Fanteni, na ne papa nso fi Ga. Mmofra nnan, ɔtɔ so mmienu. Ne mfe a edi kan mu no, Aryee ne n'abusua na na ɛte wɔ Suntreso, Kumasi, baabi a ɔfii ne school ase wɔ Methodist Primary School ne Methodist Middle School. Akyiri yi, ɔkɔɔ Achimota School, na ɔde abodin BA (Hons) wɔ Brofo kasa mu na ewie University of Ghana, Legon. Dr. Charles Wereko-Brobby na na ɔyɛ Aryee kunu.

Abrabɔ sesa

Efi 1982 besi 1985, na Aryee yɛ Minister of Information ma PNDC. Efi 1985 to 1987, na ɔyɛ Minister of Education, na efi 1987-88, na ɔyɛ Minister of Local Government. Efi 1988 besi 2001, na ɔyɛ Minister of Democracy in the Office of the Prime Minister, na efi 1993 to 2001 nso, na ɔyɛ Member of the National Defence Council. Aryee ne asɔre a ɛne Salt and Light Ministries soafo. Ɔsan nso hwɛ n'adwuma a ɛne Joyce Aryee Consult a ɛyɛ Management and Communication ho nsɛm adwuma Ɔka akuw ahorow ho sɛ adwumakuw no mpanyinfo te sɛ Kinross Chirano Gold Mine, Mentoring Women Ghana, ne Roman Ridge School Academy. Aryee hwɛ nnwonto kuw a ɛwɔ Ghana, a ɛne Harmonious Chorale so.

Abasobode ne Abodin sesa

Aryee nyaa Aban Abasobɔde a Ɛso a Ɛto so Mmienu, nea wɔfrɛ no The Companion of the Order of the Volta wɔ 2006 esiane som a ɔsom Ghana. Chartered Institute of Marketing, Ghana nso ama no abasobɔde a ɛne Marketing Woman of the Year wɔ 2007 mu, na African Leadership on Certr for Economic Development nso ama no African Female Business Leader of the Year Award wɔ 2009 mu. Aryee ka Ghana Institution of Engineers Anuonyamfo Kuw ho, na onyaa ne Honarary Doctorate abasobɔde fii University of Mines and Technology esiane ne mmoa kesɛ paa ma sikakɔkɔɔ a wotu ho nkɔso.

Achimota Sukuu no sukuufo atenae a ɛtɔ so 17 no, wɔtoo no din, 'Rev Joyce R. Aryee House', esiane ne atuhoama som na ne man ne ne mmoa ma ne sukuu a ɔkɔe.

Nhoma a Wɔakyerɛw sesa

Aryee ne Samuel Koranteng-Pipim na ɛkyerɛw nhoma, "The Transformed Mind".