Kɛtɛasehyɛ

Kɛtɛasehyɛ yɛ sɛ wode adeɛ bi te sɛ sika, nnoɔma rema obi anaa woregye saa nnoɔma yi afiri obi hɔ wɔ deɛ worepɛ ho anaa wayɛ ama wo ho de asesa aban dwumayɛni bi nneyɛeɛ anaa obi a ɔhwɛ aban adwuma so wɔne dwumadie mu[1]. Ɛwɔ aban dwumadie mu no, kɛtɛasehyɛ yɛ 'Porɔeɛ a wɔde pɛ mmoa, wɔgyeɛ anaa wɔde wɔn ammammerɛ sesa yɛ nneyeɛ foforɔ'[2]. Akyɛdeɛ a ɛyɛ sika anaa nnoɔma a anka ɛwɔ sɛ obiara nsa tumi ka bi no a ɛnyɛ bɔne so no nyɛ kɛtɛasehyɛ. Sɛ woretete adeɛ a woretɔn so anaa wode nnipa binom sika resane ama wɔn wɔ adeɛ a wɔtɔɔ wɔ kwan pa so no nyɛ kɛtɛasehyɛ. Nhwɛsoɔ, ɛyɛ ne kwan so sɛ obia ɔyɛ adwuma wɔ 'Public Utilities Commission' de ne ho bɛhyɛ anyenam nkanea mmra mu agye ntesoɔ ama watua annyenam kanea boɔ ketewa bere a deɛ ɔde di dwuma no nnɔɔ so pii. Nanso sɛ wode ntesoɔ rema ɔdwumayɛfoɔ bi sɛ ɛbɛyɛ na waboa wo na watoto annyenam nkanea boɔ mu yɛ kɛtɛasehyɛ.

Kɛtɛasehyɛ yɛ sɛ wamfa kwan pa so agye akyɛdeɛ anaa adaadaa obi ama no ayɛ nnoɔma/ nneyɛɛ bɔne. Ɛbɛtumiayɛ sika, nnoɔma, akwanyaa agyapadeɛ ne deɛ ɛkeka ho[3].

United Nations Sustainable Development Goal 16 wɔ botaeɛ a ɔpɛ sɛ ɔtumi te kɛtɛasehyɛ ne Porɔeɛ ahodoɔ nyinaa so wɔ amanaman mmɔdenmɔ a wɔpɛ sɛ wɔhwɛ na Atɛnteenee, asomdwoeɛ ne nhyehyɛeɛ a ɛmu yɛ den.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. http://thelawdictionary.org/bribery/
  2. https://www.law.cornell.edu/wex/bribery
  3. http://www.perkinscoie.com/Dont-Pay-for-the-Misdeeds-of-Others-Avoiding-Foreign-Third-Party-FCPA-Liability-01-05-2011