Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Katamanso Ko a Wɔnsan nso frɛ no (Dodowa ɔsa) yɛ ɔko a Ga-Adangbe dii nkonim wɔ Asantefoɔ so maa wosii wɔn kwan firii gye a na wɔpɛ sɛ wɔgye mpoano no fa wɔ afe 1824 mu[1][2]. Sɛnea nsɛm a ɛwɔ abakɔsɛm korabea kyerɛ no, Wobu ɔko no sɛ ɛyɛ nea ɛka ako ahorɛw a w’ato din Anglo-Ashanti Wars’’[3].

Abakɔsɛm sesa

Asantehene (Osei Yaw Akoto) bo fuu Ga-Adangbefo no saa bre no esiane sɛ wɔboaa Fantefo ma wɔkoo wɔ afe 1824 Asamanko ɔsa no mu nti, ɔyɛɛ n’adwen sɛ ɔbetwe wɔn aso. Ɔyɛɛ sɛ ɔbɛtaa wɔn kosi sɛ ne nsa bɛka wɔn, na sɛ wodwane kɔhyɛ Kanfra (Adwen trtra bi) yefunu mu mpo a, ne nsa bɛka wɔn.

Wɔ August da a ɛtɔ so 7, afe 1826 mu no, ɔko a na wɔsan nso frɛ no Dodowa ɔsa no hyɛɛ ase[4]. Nanso ne tiri anyɛ yie, okohyia ammamfo a w’aka wɔn abɔ Ga-Adangbefo no a wɔn ne Prampram, Ningo ne Ada manfo a na nea odi wɔn anim ne ɔhenpɔn Tackie Kome. British, Dutch, ne Danish akofo a wɔn dodoɔ nnu aduosia no, de akodeɛ ahorɔw botae bere a wɔto hyɛɛ Cape Coast so wɔ July, afe , afe 1824 no. Asantehene no boaboa asrafo a wɔn dodoɔ yɛ 40, 000. Britishfo a wɔn ne Ga-adangbefo ɔka wɔn ho abomu, Fantefo, Denkyirafo, akwamufo ne Akyemfo de ɔko no hyia Asantefo no Katamanso a ɛbɛn Dodowa. Nea na odi akyemfo anim no ne ɔkyehene, Nana Afia Dokuaa, a na ɔno nko ne ɔbaa a ɔye ɔhenpon[5][6]. Nkabom asrafo no koo ahoɔden so maa wodii nkonim pasaa wɔ Asantefo asrafo no so, na eyi maa Asante Aheman no ahoɔden ne animounyam no baa fa fɔm koraa. Eyi maa Brish abrɔfo no benyaa tumi wɔ mpoano ho.[6]

Ɔko no nsonsuansoo sesa

Ɔko no nsosuanso no be ne:

  • Dwadie kɔɔ so tɔteen a na obiara nsuro sɛ wɔbɛto ahyɛ won so
  • Nkabom baa Ga-Adangbefo ntam
  • Nkran bɛgyee din yiyie
  • Aman afoforo ne ahohoɔ bedii dwa [3][5]

Abakɔsɛm sesa

Wɔmaa ɔhene no kaa ntam maa ne sui, na ebadane Katamanso.

Eti a asantefoo mma no yei no yɛ nea w’ato din ‘’Gyese Nkran na ebadane Densinkran, naa wotwaa saa din yi de suu asantefo a wɔtotɔɔ wo Katamanso ko no.

Nkekaho sesa

  1. https://www.jstor.org/stable/41406744
  2. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Battle-of-Katamanso-is-important-for-all-Ghanaians-26126
  3. 3.0 3.1 https://www.grin.com/document/366987
  4. https://www.eaumf.org/ejm-blog/2017/8/8/august-7-1826-battle-of-dodowa-katamanso
  5. 5.0 5.1 Archive copy, archived from the original on 2021-08-02, retrieved 2021-08-02{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  6. 6.0 6.1 https://books.google.com.gh/books?id=8QzYZzCNdLYC&q=katamanso+war&pg=PA240&redir_esc=y#v=snippet&q=katamanso%20war&f=false