Keteke gyinabea

Keteke gyinabea, keteke kwan, yɛ keteke beaeɛ a keteke gyina fa sane si nnipa, nnoɔma anaa ne mmienu. Ɛwɔ apata baako, anaa gyinabea a ɔtɔn tekiti, homebea ne baabi a yɛde nnoɔma gu. Sɛ gyinabea bi wɔ kwan baako so a, ɛwɔ baabi baako a ɛbɛtumi adi akɔneaba. Baabi a keteke ɛfa nnipa anaa si nnipa yɛ apata ketewa bi ne beaeɛ a nnipa gyina nanso wayɛ ahyɛnsodeɛ a ɛyɛ "gyina", "frankaa agyina", " twɛn so", anaa " baabi nnipa gyina hɔ mmerɛ tiawa bi". Gyinabea no bɛtumi awɔ fam, asaase se, anaasɛ ɛwɔ soro. Wɔbɛtumi bae keteke kwan anaa ɔkwan a wɔfa so tu kwan bi te sɛ lɔre, team ne nnoɔma a ɛma akwantuo yɛ kama.

Dinto Adesua sesa

Wɔ British Brɔfo kasa mu no, tete din kɔ ma keteke kwan, ɛwɔm sɛ keteke kwan a ɛyɛ ne ho sɛ Amerika no, yɛ keteke kwan a ɛnyɛ na wɔ atwerɛ mu; wɔmfa keteke kwan gyinabea nni dwuma bio, keteke kwan atwam.[1] [2][3]Wɔ British mu no, edin gyinabea nteaseɛ ne sɛ keteke gyinabea gye sɛ wɔde biribi kyerɛ aseɛ. [4]Wɔ United States, edin a wɔde di dwuma pii nɛ mmerɛ yi yɛ keteke gyinabea; keteke kwan gyinabea yɛ adeɛ a ɛnyɛ na wɔ hɔ, ɛwɔ sɛ na agye din wɔ mmerɛ bi a atwam no. [5]Wɔ U.S wɔde edin akoraeɛ gyina hɔ ma gyinabea, na wɔde keteke aka afra akoraeɛ, keteke kwan akoraeɛ - wɔde gyina hɔ ma nnipa a ɛforo ne nnoɔma. [6]Wɔde akoraeɛ no de yɛ ntamgyina ma beaeɛ a wɔkora ɛhyɛn wɔ Amerika Borɔfo mu saa ara nso na ɛwɔ UK, ne mpo ɛne ne yɔnko Canada.

Abakɔsɛm sesa

Ewiase nyinaa keteke gyinabea a ɛdi kan baeɛ ne The Mount a ɛwɔ Oystermouth keteke kwan (a akyire na wɔfrɛ no Swansea ne Mumbles) wɔ Swansea, wales,[7] a ɛhyɛɛ aseɛ faa nnipa wɔ afe apem ahannwɔte ne nson, ɛwɔm sɛ na keteke no nkoaa ntumi nkɔ. [8]Mount Clare aborɔsan gyinabea mmienu a ɛwɔ Baltimore, Maryland, United States a ɛtumi gyinaa sɛ tete akoraeɛ, dii kan hunuu baabi a akwantufoɔ tena sɛ horse-drawn Baltimore ne Ohio keteke kwan wɔ Kɔtɔnimaa bosome da a ɛtɔ so aduonu mmienu wɔ afe apem ahannwɔte ne aduasa.[9]

 
Station with train and coal depot by Gustave Le Gray, (about 1850–1860s)

Tete gyinabea a na ɛwɔ wiase a akyɛ paa ne Crown Street keteke gyinabea a ɛwɔ Liverpool, England a wɔsii no wɔ afe apem ahannwɔte ne aduasa mu, wɔ locomotive-hauled Liverpool dekɔ. Manchester kwan so. Na gyinabea no yɛ dada kyɛn Liverpool Keteke gyinabea kwan a ɛda so wɔ hɔ wɔ Manchester. Ɛyɛ gyinabea a ɛdikan de keteke apata a ɛdikan kaa ho. Wɔdwirii Crown Street gyinabea wɔ afe apem ahannwɔte ne aduasa nsia nom, berɛ a wɔyii Liverpool gyinabea no kɔɔ Lime Street keteke gyinabea. Wɔsesaa Crown Street gyinabea kɔɔ goods station terminal. Na gyinabea a ɛdikan no wɔ adan kakra wɔm. Na gyinabea a ɛdikan no wɔ Liverpool ne Manchester keteke kwan so a wɔnho no wɔ afe apem ahannwɔte ne aduasa mu.[10] Manchester Liverpool kwan gyinabea, yɛ gyinabea a ɛtɔ so mmienu wɔ wiase a akyɛ yie paa ara, a wakora no sɛ Museum of Science and Industry wɔ Manchester. Ɛsɛ ɛkwan ɛwɔ Georgian afie. Gyinabea a wɔdii kan sieeɛ no beaɛ a akwantufoɔ tena ne baabi a wɔn nnoɔma gu, ɛwɔm sɛ keteke bi wɔ baabi a wɔde nnoɔma nkoa anaa nnipa nko te, na sɛ keteke no wɔ saa mmeaeɛ mmienu yi a wɔbɛsɔ nnoɔma akoraeɛ sɛ wɔyi gyinabea a akwantufoɔ tena no to nkyɛn a.[11]

Ɛwɔ sɛ wɔsi nnoɔma kwan wɔ keteke gyinabea deɛ, nanso nnɛ berɛ yi gyinabea a ɛdi dwuma mmienu da so wɔ hɔ. Gyinabea pii a na ɛwɔ 19th sɛntry mu a na ɛwɔ adansifoɔ akɛsefoɔ saa berɛ no, de animuonyamfoɔ kɔ nkuro akɛseɛ ne beaɛ a keteke di dwuma wɔ hɔ. [12] Aman a na keteke no kɔsi no bɛwɔ saa adansifoɔ yi, sɛdeɛ gyinabea a ɛbaeɛ no bɛfaa ɛkwan a 19th sɛntry fa so sii wɔn deɛ no. Adansifoɔ ahodoɔ pii na wɔde wɔn sii gyinabea ahodoɔ, firi wɔn a wɔyɛ intricate, Baroque anaa Gothic-style edifice, dekɔ wɔn a wɔkyerɛ sɛdeɛ yɛbɛsi no wɔ nnɛ mmerɛ yi kwan so. Gyinabea a ɛwɔ Europe yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛdi kwan a British faa so sii wɔn deɛ no, Bristish keteke gyinabea adwumayɛkuo boa aman bi te sɛ Italy wɔ sika fam. [13] Gyinabea a wɔsii no wɔ ahomeka bi te sɛ wiemhyɛn gyinabea, a ɛkwan a wɔfaa so sii no nyɛ huhuuhu bia. Gyinabea a apa so no nhwɛsoɔ no bi ne, nea n'ahokeka no tu mmirika, bi te sɛ Shinkansen a ɛwɔ Japan, THSR a ɛwɔ China, TGV a ɛwɔ France ne ICE a ɛwɔ Germany.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. https://www.bbc.co.uk/blogs/collegeofjournalism/entries/1cbca265-2424-320c-b032-6e6f7974e221
  2. http://bridgingtheunbridgeable.com/2014/11/12/railway-station-or-train-station/
  3. https://books.google.com/ngrams/graph?content=train+station%2Crailroad+station%2Crailway+station&year_start=1800&year_end=2000&corpus=18&smoothing=3&share=&direct_url=t1%3B%2Ctrain%20station%3B%2Cc0%3B.t1%3B%2Crailroad%20station%3B%2Cc0%3B.t1%3B%2Crailway%20station%3B%2Cc0
  4. http://www.oxfordlearnersdictionaries.com/definition/english/station_1?q=station
  5. https://books.google.com/ngrams/graph?content=train+station%2Crailroad+station%2Crailway+station&year_start=1800&year_end=2000&corpus=17&smoothing=3&share=&direct_url=t1%3B%2Ctrain%20station%3B%2Cc0%3B.t1%3B%2Crailroad%20station%3B%2Cc0%3B.t1%3B%2Crailway%20station%3B%2Cc0
  6. https://www.merriam-webster.com/dictionary/depot
  7. https://books.google.com/books?id=C-pzUWrCU5sC&pg=PA333
  8. http://news.bbc.co.uk/1/hi/wales/south_west/6491379.stm
  9. http://mht.maryland.gov/nr/NRDetail.aspx?NRID=6
  10. Archive copy, archived from the original on 2008-03-23, retrieved 2022-07-12{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  11. https://en.wikipedia.org/wiki/Architectural_History_(journal)
  12. Archive copy, archived from the original on 2007-09-27, retrieved 2022-07-12{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  13. http://members.aol.com/Zacarious1/his.italy.html