Kuukua Eshun

Ghana sini kwankyerɛfo

Kuukua Eshun yɛ Ghana-Amerika sini kwankyerɛfo, adwumfo ne ɔkyerɛwfo. Kuukua nam ne nkyerɛwee ne sini so ma nnipa te ase wɔ asetra mu nsɛm ne adwenemyare ho. Ɔyɛ obi a ɔka wɔn a wɔhyehyɛɛ Boxedkids no ho.

Adwuma sesa

Kuukua sini a edi kan a wɔato din Artist, Act of Love nyaa abasobɔde wɔ wiase nyinaa mmea sini afahyɛ no ase wɔ nneɛma a wotumi hu a eye sen biara ho. Ɔyɛ obi a ɔka wɔn a wɔhyehyɛɛ Skate Gal Club no ho. Kuukua gye di sɛ mmarima ne mmea pɛyɛ a apiapia no ma wayɛ ɔsɔretia pii wɔ Accra mmɔnten so. Ɔne UNFPA Ghana yɛɛ biako yɛɛ ayaresa nhyiam maa mmabaa a wɔanya wɔn ti adidi mu wɔ nna mu ɔbrasɛe mu.

Nnansa yi ara Kuukua ne Nigeriani nnwontofo

Kuukua nyaa ne nnansa yi documentary sini "Unveiling" a wɔde kyerɛe nea edi kan wɔ Museum Ostwall Im Dortmunder U wɔ Germany na wɔde kyerɛe wɔ tete nneɛma akorae kosii March 2022. ANO Institute of Arts & Knowledge na ɛhyɛɛ sini no na Kuukua na ɔyɛɛ na ɔkyerɛɛ sini no kwan. yɛɛ adwuma baabi a ɔkyerɛɛ agoru bi kwan maa no.

Kuukua nso kyerɛɛ Nigerian Nnwontofoɔ Wizkid sini tiawa maa ne Made In Lagos album a wɔato din Made In Lagos Deluxe Film a woyii no adi wɔ December 2021 mu. Ɔne Wizkid boom kyerɛɛ sini tiawa yi kwan.

Abasobɔde ne agyede a wɔde ma sesa

Urbanworld Sini Afahyɛ Awieifo ma Mmabun Adebɔfo Showcase.

Afe Dwumadie Ɛboɔ Nea ogye no
2021 mu 2021 Ghana Sini Abasobɔdeɛ Nsɛm a Wɔakyerɛw a Ɛsen Biara Wɔbɛda no adi

Nsɛm a wɔde gyinaa so sesa