Kwadjo Agyei Addo

Kwadjo Agyei Addo yɛ Ghana mmrahyɛbedwani sane yɛ ɔmanyɔni wɔ mmrahyɛbedwafie a ɛtɔso nan wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔso nan. Na ɔyɛ mmrahyɛbedwani ma Fanteakwa Atifi mpɛsoa a ɛwɔ Apueeɛ mantam.

Kwadjo Agyei Addo
MP for Fanteakwa North
Berɛ

January 7, 2005 – January 6, 2009

Ɔmanpanin John Agyekum Kufour
Personal details
Awo Berɛ October 15, 1951 (age 70)

Fanteakwa, Eastern Region Gold Coast (now Ghana)

Ne Man Ghanaian
Amanyɔkuo New Patriotic Party
Sukuu a ɔkɔeɛ Akrokerri College of Education
N'adwuma Politician
N'adwuma Teacher

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne nnwomasua sesa

Ɔwoo Agyei Addo wɔ Ahinime bosome ne da ɛtɔso du num wɔ afe apem ɔha nkron ne aduonum baako wɔ Fanteakwa wɔ Apueeɛ mantam. Ɔkɔɔ Akrokerri Suapɔn sukuu ɛhɔ na ɔnyaa n'abɔdin krataa wɔ adekyerɛ mu.

Amanyɔsɛm sesa

NPP amanyɔkuo na dii kan de Addo kɔɔ mmrahyɛbedwafie wɔ Ɔpɛnimaa bosome wɔ mfe mpem mmienu wɔ Ghana batoɔ kɛseɛ sɛ mmrahyɛbedwani ma Fanteakwa Atifi mpɛsoa so. Ɔnyaa mma mpem aduonu ɔha nnwɔtwe ne aduosia nson(20,867) firii mma mpem aduasa nsia ɔha nnwɔtwe ne aduonum nnwɔtwe a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn aduonum nsia akyiri pɔ nsia(56.6%). Ɔdii nkuguo wɔ mfe mpem mmienu ne nnwɔtwe wɔ mmrahyɛbedwafoɔ abatoɔ edikan, Kwabena Amankwah Asiamah na nyaa aba no wɔ Ghana abatoɔ kɛseɛ no.

2004 Abatoɔ sesa

Ɔyii Addo wɔ mmrahyɛbedwafie sɛ mmrahyɛbedwani ma Fanteakwa Atifi mpɛsoa so wɔ mmrahyɛbedwafie ɛtɔso nan ne Ghana adehyeman amanmuo a ɛtɔso nan wɔ Ɔpɛpɔn bosome ne da ɛtɔso nson wɔ mfe mpem mmienu ne num de kɔsi Ɔpɛpɔn bosome ne da nsia wɔ mfe mpem mmienu ne nkron. Wɔ mfe mpem mmienu ne nan wɔ Ghana abatoɔ kɛseɛ. Ɔdii nkunim wɔ Samuel Ofosu Ampofo a ɔwɔ NDC amanyɔkuo nyaa mma mpem du num ne ɔha nsia ne aduoson nnwɔtwe(15,678) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn aduanan mmienu n'akyire pɔ mmienu(42.5%) ne Gyimah Aikins Nyantakyi a ɔwɔ CPP amanyɔkuo ɔno nso nyaa mma ahasa ne nsia(306) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn hwee n'akyire pɔ nnwɔtwe(0.8%) wɔ nnipa dodoɔ ɔbɛtoo aba. Addo mpɛsoa so ka mpɛsoa aduonu mmienu a ɔdii nkunim maa NPP amanyɔkuo wɔ Apueeɛ mantam. Ne nyinaa mu no NPP amanyɔkuo no nyaa mmrahyɛbedwafie akonnwa ɔha ne aduonu nnwɔtwe wɔ mmrahyɛbedwafie a ɛtɔso nan wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔso nan.

Adwuma sesa

Ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛni sane yɛ sika dwuma.

Asetena ne abrabɔ sesa

Kwadjo Agyei Addo yɛ ɔkristoni.

Beaeɛ menyaa mmoa firiiɛ sesa

1.https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Presiding-Member-elected-NPP-parliamentary-candidate-57735

2.http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2004/eastern/97/index.php

3.http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2008/eastern/97/index.php

4.http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2004/eastern/index.php

5.https://www.fact-checkghana.com/statistics-presidential-parliamentary-election-results/