Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Lamlameta yɛ agorɔ bi a amammerɛ kwan so no nnipa a ɛwɔ Konso a wɔte Olanta mpɔtam a ɛwɔ Ethiopa na ɛdi saa agorɔ no. British adesuani bi a wɔfrɛ no Richard Pankhurst na ɔdii kan kyerɛkyerɛɛmu afe apem ahankron ne aduoson baako mu. Mpem pii no mmarima na ɛdi saa agorɔ no.Edin  "Lamlaleta" kyerɛ sɛ abɔnta.[1]

Nhyehyɛeɛ sesa

Taboo a wɔde di saa agorɔ yi de "toma tagéga, ɛwɔm bɛyɛ sɛ ntɔkwa mmienu a ɛmu biara yɛ amena du mmienu; a wɔfrɛ no awa. Wɔrehyehyɛ agorɔ no a wɔde mma mmienu toto amena biara mu. Sɛ eduru wo so a nea ɔreto no sesa aba ɛwɔ n'anim no nyinaa de toto amena nom hyia. Mpem pii no nea wɔde hyɛ aseɛ no yɛ amena a ɛbɛn wo nsa nifa. Sɛ yɛhwɛ nea ɔdiikan toiɛ no faeɛ noa, amena biara a ɛtoa so a ɛyɛ n'asɔretiafoɔ no dea a mma mmienu kum no wɔbɔtra. Agodifoɔ no to aba no ara kɔsi sɛ wɔde mma a ɛkura wɔn no nea aka no bɛto amena a aba biara nnim. Sɛ saa amena no yɛ nea ɔreto no amena na amena no a ɛne no di nhwɛnim no mma mmienu na ɛgu n'asɔretiafoɔ no amena mu a ɛneɛ wadi mma. Sɛ ɛba no saa mma biara a ɛgu n'asɔretiafoɔ no amena mu biara a ɛyɛ mmienu no wɔsesa firi taboo no so. Agorɔ no kɔ awieɛ wɔ aberɛ a wɔn a wɔredi agorɔ no mu baako aba asa. N'asɔretiafoɔ no sesa mma a ɛwɔ taboo no so nyinaa. Nea ɔnyaa mma pii no na wadi nkunim.[2]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. R. Pankhurst. Gabata and Related Board Games of Ethiopia and the Horn of Africa. In "Ethiopia Observer" 14 (3), 1971, pp. 187–188.
  2. L. Russ. The Complete Mancala Games Book: How to play the World’s oldest Board Games. Marlowe & Company, New York City 2000, pp. 36–37.