Monodora myristica

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Monodora myristica
taxon
short nameM. myristica Sesa
taxon nameMonodora myristica Sesa
taxon rankspecies Sesa
parent taxonMonodora Sesa
taxon common namecalabash nutmeg Sesa
basionymAnnona myristica Sesa
IUCN conservation statusLeast Concern Sesa
GRIN URLhttps://npgsweb.ars-grin.gov/gringlobal/taxonomydetail.aspx?id=24554 Sesa

'Bold text''Monodora myristica, a wɔfrɛ no calabash nutmeg anaa African nutmeg, nwuram dua bi a ɛka Annonaceae nnua abusuakuo no ho. N'ase ankasa firi beaeɛ bi a ɛwɔ Sierra Leone atɔeɛ fam de rekɔ Tanzania.[1] Kane no, na wɔtɔn n'aba no aboɔden. Ɛnnɛ yi deɛ, ne boɔ nyɛ den saa.[2] Edin afoforɔ bi nso a wɔde frɛ no ne Jamaican nutmeg, ehuru, ariwo, awerewa,[3] ehiri, airama, African orchid nutmeg, muscadier de Calabash and lubushi ne ade.[2][4]

Ne Dua

sesa

Calabash nutmeg dua no nyini wɔ baabi a nsuo taa tɔ pa ara na awia nso tumi bɔ; sɛ ebia, Liberia, Nigeria, Cameroon, Ghana, Angola Uganda anaa Kenya atɔeɛ fam.[4] Ɛnam afe Apem ne ahanson mu hɔ nnipatɔn adwadie no so na Caribbean islandfoɔ bɛhunuu Mondora myristica. Ɛno na ɛnam so maa Jamaicafoɔ nso bɛnyaa Jamacan nutmeg. Ɛwɔ afe apem, ahanwɔtwe ne adduɔkron nson(1897) mu no, Bogor Botanical Gardens a ɛwɔ Indonesia bɛhunuu Monodora myristica.[4]

Dua no Ne N'ahaban

sesa

Monodora myristica tumi nyini ma ne tenten no bɛyɛ mita aduasa num( 35mitres) a ɛgyina hɔ ma anammɔn ɔha ne dunum. Ne nhwiren no pue a ɛyɛ hwam na n'ahosuo te sɛ akokɔ seradeɛ.[5] Mmoa a nnompe nni wɔn mu na wɔboa ma nhwiren no tumi bɛdane aduaba[4]Sɛ n'amma no nyini pa ara a, ɛho no bɛyɛ sɛ dua a awu. Ne mu no reyɛ ayɛ sɛ adeɛ fitaa a ani asene. Sɛ wopae mu a, wɔhunu biribi a ɛyɛ sɔkyee nanso ɛnni ahosuo biara wɔ mu.[4]

Ne Dwumadie

sesa

Ɛyɛ dua bi a wɔtumi di n'aba. Ne hwam ne sɛdeɛ wodi a ɛteɛ no nyinaa sɛ nutmeg pɛpɛɛpɛ. Africafoɔ se yɛ nnuane bebree na ɛma wɔn nnuane yɛ hwam.[2] Wɔdi kan tete aduaba no firi ne dua so, na wɔde agu awia mu ahata ma no awo ayɛ wesee. Afei, wɔwie a na wɔatɔn.[2][4] Ɛba ayarehwɛ mu a, wɔde sa yadeɛ bi te sɛ yafunukeka, tipaeɛ, ekuro ne deɛ ɛkeka ho. Wɔsan nso de pam mmoawa a nnɔmpe nni wɔn mu, sɛ ebia ntontom anaa nwansena. Abibirem ha, wɔtumi sina n'amma no de yɛ kɔn mu adeɛ.[4] Esiane sɛ ne dua no yɛ den nti, wɔde yɛ timba, wɔde pae ntaaboo yɛ nneɛma bebree nso. [4]

[6]

Beaeɛ a Menyaa Mmoa Firiiɛ

sesa
  1. "Monodora myristica (Gaertn.) Dunal". Plants of the World Online. The Trustees of the Royal Botanic Gardens, Kew. n.d. Retrieved April 17, 2019.
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 Celtnet Recipes. "Calabash Nutmeg Information Page". Archived from the original on 16 July 2011. Retrieved 4 May 2011.
  3. Burkill, H.M. (1985). The useful plants of West tropical Africa (Ed. 2. ed.). Kew: Royal Botanic Gardens. ISBN 978-0-947643-01-0.
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 4.4 4.5 4.6 4.7 Weiss, E.A. (2002). Spice Crops. Oxon: CABI Publishing. pp. 102–103. ISBN 978-0-85199-605-9.
  5. Couvreur, Thomas L. P.; Botermans, Marleen; van Heuven, Bertie Joan; van der Ham, Raymond W. J. M. (2008). "Pollen morphology within the Monodora clade, a diverse group of five African Annonaceae genera". Grana. 47 (3): 185–210. doi:10.1080/00173130802256913. ISSN 0017-3134.
  6. Fournier, G.; et al. (1999). "Annonaceae essential oils: a review". Journal of Essential Oil Research. 11 (2): 131–142. doi:10.1080/10412905.1999.9701092.