Mpenatweɛ yɛ ahogorɔ ayɔnkofa a nnipa mmienu ka wɔn ho bom yɛ nnoɔma bom, Mpempii wɔn tirimpɔ ne sɛ wɔbɛyɛ adeɛ a ɛbɛsɔ wɔn mmienu ani na daakye ɛbɛma wɔn ayɔnkofa no ayɛ krabɛhwɛ. Ɛwɔ "courtship" nkyekyɛmu no mu, a mpɔtam dwumadie a awarefoɔ nkoa anaa wɔne afoforɔ di. Mmara ne nneyɔeɛ a ɛwɔ mpenatweɛ ne edin a yɛde kyerɛ aseɛ na amammerɛ, mpɔtam ne mmerɛ da nso. Ɛwɔm sɛ mpenatweɛ yɛ anom nsɛm bi a yɛde kyerɛ nnipa a ɛwuraa mpena mu nneyɛɛ de kyerɛ wɔn ho, mpenatweɛ nso bɛtumi ayɛ nnwuma pii a ɛnkɔ so wɔ mpenatweɛ no mu. Mpenatweɛ nkyerɛase sesaa wɔ 20th century a wɔde kyerɛ sɛ ɔdɔ agodie a ɛnni mmara mu,nna mu agodie ayɔnkofa a ɛboro sɛ obi resɔ no ahwɛ a ɔda ne ho adi. Ɛwɔm sɛ nea ɛnni mmara mu, saa nkyereaseɛ no ho nyɛ na na wɔde di dwuma wɔ kasa ne atwerɛ wɔ ne kwan so. Ɛwɔm sɛ ɛyɛ akyiwadeɛ wɔ aman pii so a ɛbi yɛ abakɔsɛm, sɛ obi bɛdi mpamu agorɔ wɔberɛ a ne mmerɛ nso sɛ ɔyɛ saa yɛ adeɛ a na nnipa yɛ wɔ mfeɛ bi a atwam, a atuateɛ a ɛfa mmaa ne mmarima dikan. Wɔ nnoɔma a wɔda no adi wɔ sini, tɛlɛvihyin ne nnwom,nna nhyiamu abɛyɛ adeɛ a ɛkɔ soro paa a wagye atom sɛ ɛma ayɔnkofa no tu mpɔn.

Abakɔsɛm sesa

Mpenatweɛ a ɛyɛ adeɛ a yɛyɛ no wɔ mmoronosoɔ yɛ adeɛ a abasosɛm, a ɛbaa bɛyɛ mfeɛ kakra bi. Wɔ asetena amamberɛmsɛm ne asetena mu nsɛm agyinaberɛ mu no, mpenatweɛ ne awareɛ ne abusua asesa koraa, a wɔde abɛɛfo ne nnuro na atrɛ mu. Sɛdeɛ nnipa mmoronoso asesa afiri ahayɔ-ne wɔn a wɔboaboa ano dekɔ anibue mu, nnipa de nnoɔma foforɔ abɛwura mu, a wɔnim sɛ ɔbaa ne barima hyiamu a na ɛde ɛba ba. Wɔn a wɔyɛ nnipa nhwehwɛmu kyerɛ sɛ wɔ abakɔsɛm mu no, awofoɔ ne mpanimfoɔ a na ɛhyehyɛ awareɛ a wɔn tirimpɔ nyɛ ɔdɔ na mmom awugyadeɛ ne "sikasɛm ne amanyɔsɛm" ntira.[1] Wɔne kwan so no, ɛwɔ sɛ wɔtwe mpena kakra ansana na wayɛ nea mpɔtam hɔfoɔ no bɛgye atom sɛ ɔyere ne okunu. Ɛnam sɛ nipa a ɛwɔ mpɔtam na ɛgye awarefoɔ no nkabom tom nti, wɔde awareɛ sii hɔ maa mmaa ne mmarima na ɛyɛ adeɛ a ɛwɔ hɔ, a mmaa yɛ agyapadeɛ a agyanom de sesa ma kunu nom, a ne dwumadie ne sɛ ɔde mma ba wiase. Nkuro bi te sɛ Europe, ne China mpɔtam hyɛ nnipa ma wɔnya wɔn hokafoɔ, hyɛ wɔn sɛ wɔn ware ansana wahyiamu.[2]mpɔtam bi nso hunu sɛ saa nkabom no yɛ adeɛ a ɛyɛ a ɛbɛma watete mma na asane asi mente meho ase ne ntɔkwa kwan ɛnam nnamfofoɔ akansie so. Nhwehwɛmu a wanya afa nnipa anibue ho no, de wura Middle ages wɔ Europe no, na wɔhunu ayeforɔ yɛ sɛ abusuafoɔ na ahyehyɛ adwuma a ɛma sika, na ɔdɔ agodie yɛ adeɛ a na ɛnkɔ so wɔ awareɛ bi te sɛ covert awareɛ.[3] 12th century nwoma The Art of Courtly Love tuufo sɛ " ɔdɔ korɔgyee ntumi ntena okunu ne ɔyere ntam".[3] Adwene baako kyerɛ sɛ, mmaa ne mmarima nhyiamu a ɛkɔ so ansana awareɛ aba so no yɛ adeɛ a aduru mpenatweɛ mu nnɛ.[3]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. https://en.wikipedia.org/wiki/CiteSeerX_(identifier)
  2. http://www.chinadaily.com.cn/english/doc/2005-11/11/content_493925.htm
  3. 3.0 3.1 3.2 https://www.theguardian.com/lifeandstyle/2009/jan/24/dating-statistics