Wɔ nnipa mu no,mum anaa sɛ asosiiɛ(a ɛfiri Latin kasa mutus mu a asekyerɛ ne dinn)yɛ sɛ onipa bi ntumi nkasa na ɔnte afoforɔ kasa nso.Yɛte mum ase sɛ obi a ɔntumi nkasa,a n’abusua,deɛ ɔhwɛ saa nipa no,akyerɛkyerɛfoɔ,dɔkotafoɔ anaa sɛ wɔn a wɔnim de fa kasa ho na wɔtaa hunu.Ɛbɛtumi aba sɛ ɛnyɛ adeɛ a ɛbɛka hɔ afebɔɔ,na nneɛma pii na ɛtumi de mum ba,ɛbi te sɛ adwenemu pira,yareɛ,nnuro ahodoɔ bi,adwendwene beberee,nipadua no mu dɛm,anaa sɛ adwenemu haw.Wɔbɛtumi ahwɛ deɛ ɛyɛ anisoɔ ho dɛm anaa sɛ nkitahodie ho dɛm.Ɛtumi ba sɛ obi wɔ hɔ a ɔtumi kasa nanso ɛsiane nneɛma bi te sɛ akwanhyia,nyarewa, anaa sɛ sɛɛgyiri nti,ɔtumi yera ne kasa ma ɔbɛyɛ mum.

Ɛho ayarehwɛ anaa nsɔano no gyina deɛ ɛde ba no so,na wɔhwɛ ne kasa nso.Ɛtɔ berɛ bi a,ayarehwɛ no tumi boa ma nipa no tumi sane kasa.Na ankɔyɛ saa a, wɔde nneɛma binom a ɛboa nkɔmmɔdie ne nkitaho hwɛ nipa no.

Deɛ ɛde ba

Deɛ ɛnam abɔdeɛ mu ba

Abɔdeɛ mu kwan a ɛde mum ba no ban akwan ahodoɔ beberee so.Deɛ ɛde mum ba baako ne deɛ yɛhunu no wɔ kasa mu no,sɛ ebia,w’ano anaa wo tɛkyerɛma.Apraxia nso tumi de mum ba,a ɛno ne ntini ahodoɔ no mu haw a ɛfa kasa ho,sɛ ebia,wontumi nkasa ɛsiane pira bi nti,sɛ wobɛbubu agu fam anaa sɛ deɛ ɛma wotumi de kasa no ho bɛto kyema.Anarthria yɛ dysarthria yareɛ a ano yɛ den pa ara,a ɛno ne sɛ w’ano ne wo tɛkyerɛma anaa sɛ w’ahrawa ho bɛto kyema na ɛntumi nni akɔneaba.Adwenemu haw bi te sɛ ahodwodwoɔ bɛtumi asi kasa ho kwan a wontumi nkasa,na ɛno na wɔfrɛ no aphasia no.Sɛ adwene no mu dwumadie a ɛboa ma yɛtumi kasa no ho to kyema a,ɛtumi de mum ba.Mum bɛtumi ama wɔapae adwene no mu.Sɛ ebia,mmɔfra mu no, yɛwɔ adeɛ bi a wɔfrɛ no posterior fossa syndrome a ɛtumi ma wɔpae mmɔfra tiri mu.

Deɛ ɛnam adwenemu ba

Sɛ mmɔfra ntumi nkasa a,na nneɛma bi na ama no aba saa,sɛ ebia,adwenemu haw anaa sɛ adwenemu brɛ,bi te sɛ ayamhyehyeɛ na ɛde aba.Mmɔfra no bi wɔ hɔ a,wɔnkasa ɛsiane nnipa binom a wɔnpɛsɛ wɔne wɔn bɛkasa no nti.Saa tebea yi ne sɛ,abɔfra bi bɛkasa berɛ a ɔno ara pɛ sɛ ɔkasa anaa sɛ nnipa a wɔpɛsɛ wɔne wɔn kasa,sɛ ebia abusuafoɔ.Ɛsɛsɛ wɔhwɛ nneɛma a ɛde yareɛ no ba,na wɔahunu kwan a wɔbɛfa so asɔ ano.Ɛnhyɛda nnɔɔso pii,nanso ɛnte sɛ sɛdeɛ yɛdwene sɛ ɛteɛ no.Ɛnsɛsɛ yɛhunu no sɛ abɔfra a ɔnpɛsɛ ɔbɛkasa obi ho ne abɔfra a ɛsiane honam akwaa no bi a ato kyema nti no ɔntumi nkasa no yɛ pɛ.Mpɛn pii no,wɔtaa hunu ɛho mpopoeɛ berɛ a abɔfra bi adi mfeɛ nnum.Na ɛnyɛ mmɔfra nyinaa na wɔwɔ saa mopoeɛ no.

Mpɛn pii no mum a ɛyɛ nipa no pɛ sɛ ɔnkasa no ne autism spectrum disorder na ɛnam.Ayarehwɛ a ɛda nipa no pɛ a ɔnpɛsɛ ɔkasa no ne kasa a ɛkyɛ no ntam no anaa dɛm ahodoɔ no hia sɛ wɔsɔ ano yie.

Mpaninfoɔ a na wɔtumi kasa nanso ɛsiane biribi nti wɔntumi nkasa no renkasa ɛsiane adwenem anaa atinka ho nsɛm nti,ɛwom ɛyɛ adeɛ a ɛsi mpaninfoɔ mu.Sɛ obi nyini na ɔntumi nkasa a,na kyerɛ sɛ ɔwɔ adwenem dɛm bi.

Deɛ ɛnam nyini so anaa adwene no mu ba

Mmɔfra a wɔntumi nkasa no bɛtumi agyina sɛ wɔntumi ne obi nni nkitaho anaa sɛ wɔn kasa a ɛkyɛ ansa na wɔatumi akasa no so.Na ɛbɛtumi agyina nneɛma beberee so na ama nkitahodie ayɛ den anaa sɛ kasa akyɛ ama saa mmɔfra yi.

Kasa a ɛkyɛ no nso bɛtumi agyina sɛ nipadua no nyini a ɛkyɛeɛ no nti.Sɛ ebia mmɔfra a wɔwɔ haw wɔ wɔn syndrome no mu no,ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛtumi ate kasa anaa sɛ wɔate kasa ase.

Mmɔfra a wɔntumi ne nipa nni nkitaho anaa wɔntumi nkasa no,wɔakyɛ adwene no mu dɛm wɔ DSM-V sɛ ɛde kasa a ɛkyɛ ba.

Ayarehwɛ

Sɛ yɛhwɛ mmɔfra a ɛkyɛ ansa na wɔatumi akasa no a,ɛho hia sɛ yɛbɛhwɛ sɛ ɛyɛ nneɛma foforɔ bi na ɛde saa adeɛ no baeɛ anaa.Saa tebea yi ho nhwɛsoɔ ne autism spectrum ho dɛm,wɔnte kasa koraa ne apraxia.Ɛho ayarehwɛ no gyina sɛdeɛ wɔsi hwɛɛ tebea no.Kasa a ɛkyɛ no bɛtumi anya nsunsuansoɔ wɔ sɛ obi de kasa bɛkyerɛ nsɛm mu,sɛ obi bɛte kasa anaa sɛ ne mmienu nyinaa.Sɛ obi ntumi nfa kasa nni nkitaho a,ɛnya nsunsuansoɔ wɔ akwaa a yɛde kasa no so,sɛ ne kasa no bɛtoa so aba waa ne kasa ho nkitahodie dɛm ahodoɔ no.Sɛ ebia,kasa ne kasa ho nnwuma nyinaa bɛtumi agyina kwan a mmɔfra fa so yɛ nnegyeɛ a ɛyɛ fɔnɔlɔgyi ho haw.

Wɔayɛ nneɛma soronko a wɔde bɛhwɛ mmɔfra a wɔnte kasa na kasa kyɛ ma wɔn no.Sɛ ebia,ayarehwɛ a wɔfrɛ no pivotal response treatment,na ɛyɛ ayarehwɛ soronko a ɛhia abusua sɛ wɔdi mu akotene.Ɔfoforɔ nso ne deɛ Mark Sundberg de baeɛ a wɔfrɛ no verbal behavior framework ,na ɛno nso yɛ ayarehwɛ a wɔde aka applied behavior analysis ho(ABA)na wɔde hwɛ mmɔfra nketewa a wɔntumi nkasa no.

Ayarehwɛ a wɔde ma obi a ɔntumi nkasa koraa ɛsiane adwene no mu dɛm no,hia sɛ wɔbɛsɔ no ahwɛ,na wɔagyina saa nsɔhwɛ no so afa adwuma,anisoɔ ne kasa ho asɔ no ahwɛ.Ayarehwɛ a wɔde ma wɔn a wɔnpɛsɛ wɔkasa no bi ne,sɛ wɔbɛsɔ nipa no ahwɛ,afotuo,ne akyigyinapa.Ayarehwɛ nso a wɔde ma mpaninfoɔ a na wɔtumi kasa nanso ɛsiane biribi nti wɔntumi nkasa no bi ne sɛ,wɔbɛsɔ no ahwɛ ahunu deɛ ɛde baeɛ,a nnuro ne sɛɛgyiri bi a ɔyɛeɛ ka ho,ɛno akyi na wama no ayarehwɛ anaa banbɔ papa.Ayarehwɛ no bi bɛtumi agyina afotuo so,anaa sɛ beaeɛ a wɔhwɛ nnipa adwene mu,na ɛgyina deɛ ɛmaa ɔntumi nkasa no so.

Ntotoeɛ

Ntotoeɛ hia nneɛma a ɛsɛ fata,a ɛne sɛ wone nipa bi bɛdi nkitaho nanso wonfa wano nkasa nkyerɛ nipa no, ne sɛ wone nipa bi bɛdi nkitaho a ɛyɛ nkɔmmɔdie ankasa,woka a na onipa no nso aka(alternative and argumentative communication).Ntotoeɛ a ɛsɛ na ɛfata no bɛgyina nipa no nneyɛeɛ so ne sɛdeɛ ɔsi de n’adwene di dwuma no so.Saa nkitahodie ahodoɔ mmienu yi(agumentative and alternative communication)hyehyɛ firi abɛɛfo nimdeɛ so ma wɔn a wɔn nimdeɛ wɔ fam no tumi te kasa.Sɛ ebia,wode mfonini bɛto hɔ a ɛno bɛyɛ kwan a wone nipa bi bɛdi nkitaho a ɛnkɔ yɛ sɛ gye sɛ nipa no dwene ho anaa sɛ ɔnya nimdeɛ bi ansa na wɔatumi akyerɛ mfonini no.

Mfidie a ɛtumi kasa no tumi boa nnipa a wɔwɔ kasa ho haw a ɛnam ayarehwɛ ahodoɔ nti anya nsunsuansoɔ wɔ wɔn kasa so no,ne nkitahodie ho dɛm a ɛsi kasa ho kwan,anaa sɛɛgyiri binom a anya nsunsuansoɔ wɔ ɛbinom kasa so.Mfidie a ɛtumi kasa no kɔ so ara boa ma wɔde di dwuma a wɔnmrɛ.

Hwɛ Nso

  • Aphasia
  • Aphonia
  • Augmentative and alternative communication
  • Autism
  • Deafness
  • Developmental disability
  • Dysarthria
  • Dyslalia
  • Speech delay
  • Speech disorder
  • Vocal cord paresis

Beaeɛ a Menyaa mmoa Firiiɛ