Neutral Protamine Hagedorn (NPH) insulin, a wɔsan frɛ no isophane insulin no yɛ insulin a ɛyɛ adwuma ntɛmntɛm a wɔde ma nnipa a wɔwɔ asikyireyareɛ ma ɛboa ma wɔhwɛ wɔn mogya mu asikyire so. Nsɛmfua no fa nea wɔfrɛ no pH a ɛnnyɛ basabasa (pH = 7) ho, protamine a ɛyɛ protein, ne Hans Christian Hagedorn a ɔyɛ insulin ho nhwehwɛmufoɔ a ɔhyehyɛɛ aduro yi ho. Wɔayɛ no saa sɛnea ɛbɛyɛ a insulin a wɔde ma no bɛyɛ adwuma yie, na ɛyɛ nnuro a wɔde ma wɔ ɔkwan foforɔ so ho nhwɛsoɔ a edi kan.

Dwuma a wɔde di

sesa

NPH insulin no yɛ sum na ɛhyɛ aseɛ yɛ adwuma wɔ nnɔnhwere baako kɔsi mmiɛnsa (1 to 3 hours). Akyɛ koraa yɛ nnɔnhwere nsia kɔsi nnwɔtwe ntam (6 - 8 hours) na ɛtumi di bɛyɛ nnɔnhwere aduonu nnan( 24 hours). Ɛdi dwuma berɛ tenten, kyerɛ sɛ, ɛtena hɔ kyɛ sene deɛ ɛwɔ insulin a edi dwuma ntɛmntɛm, na ɛyɛ tiawa sene deɛ ɛdi dwuma berɛ tenten te sɛ ultralente, glargine anaa detemir no.

Abakɔsɛm

sesa

Hans Christian Hagedorn (1888 - 1971) ne August Krogh (1874 -1949) nyaa insulin ho kwan firii Frederick Banting ne Charles Best hɔ wɔ Toronto a ɛwɔ Canadaman mu. Wɔ afe 1923 mu no, wɔhyehyɛɛ Nordisk Insulin laboratorium, na wɔ afe 1926 mu no, ɔne August Kongsted nyaa Danish ahenkyɛ sɛ ahyehyɛdeɛ a ɛnya mfasoɔ.