Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Nancy Agag a wɔsane twerɛ no Nancy Ajaj(wɔwoo no ɔbenem bosome da a ɛtɔ so mmienu wɔ afe apem ahankron ne aduoson nkron), yɛ nnɛmafoɔ yi Sudanese nnwomtoni a ɔsane twerɛ nnwom. Wɔ ne nnwom mu no, ɔde tete Sudanesefoɔ no bi fra ne nnwom nom to. Ne nnwom no nhyehyɛeɛ no yɛ nnɛmafoɔ deɛ no bi, ɔno ara ne kuo a wako adare wɔ nnwom mu na ɛbɔ nwom no, na ɔgye n'ani wɔ Sudan ne amanɔne nso.[1]

Nancy Agag
نانسي عجاج
Awo dinNancy Ajaj
Awo bereMarch 2, 1979 (1979-03-02) (age 45)
Omdurman, Sudan
Occupation(s)
  • singer
  • composer
  • producer
Years active1999–present
Musical career
Genres
  • Arabic pop music
  • Music of Sudan
Instruments
  • vocals
LabelsRotana Records
Websitewww.facebook.com/nancyajajofficialpage/

N'abrabɔ ne ne nnwom adwuma sesa

Wɔwoo Nancy Agag wɔ Omdurman na ɔnyinii wɔ Netherlands, ɛhɔ na Ɔsuaa Social History ne nnwom. Ne papa Badr al-Din Ajaj nso yɛ nnwomtoni a wagye din paa,[2] na wɔkumm no berɛ a ɔsane baa Sudan.[1]

Ɛfiri mfeɛ mpem mmienu ne nan rekɔ no, Nancy Agag ne ne kuo no yɛɛ mmɔsoɔ pii wɔ Sudan, US, England, Canada,Qatar ne Netherlands.[3][4]Ɔtoo nnwom a agyedin a ɛfa ne kurom ho nso, wayɛ nnwom ne nnwom mfonin ahodoɔ pii. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia mu no, German amammerɛ fie a ɛwɔ Khartoum too ne nnwom mmienu de yɛɛ amanɔne dwumadie bi, a wɔde nnwom mfonin a ɛfiri Sudan, Egypt ne Middle East kaa ho.[5][6]

Nancy Agag ka mmaa kakra bi a wɔto nnwom no ho a wɔpuee nnɛɛmafo ntaadehyɛ mu, mpo wamfa duku a ɛyɛ ɔhyɛ sɛ wɔmfa nkata wɔnti anhyɛ wɔ Omar al Bashir aban dwumadie no ase kɔpem mfeɛ mpem mmienu ne du nkron mu. Ansana wɔrebɛgu Public order Law no, na mpaninfoɔ de akwansideɛ pii asi mmaa ahosiesie ho wɔ badwam.[7]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nnwɔtwe ne du nkron Suadanese atuateɛ mu no, ɔde ne nnwom bi a wɔfrɛ no 'Birth' too dwa, sɛ wohwɛ Sudanese nnwom yiyie no mua "the sounds of sudan', kyerɛɛ sɛdeɛ na Sudan ɔpɛnimaa atuateɛ no teɛ.[8]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. 1.0 1.1 http://www.alwatanvoice.com/arabic/news/2008/07/19/130241.html
  2. https://archive.org/details/BadrAlDinAjaj_201808
  3. http://roznamah.sa/en/events/sudanese-night-with-mohamad-al-amin-nancy-agag-hussein-al-sadiq/
  4. https://www.alnilin.com/13070278.htm
  5. "Archive copy". Archived from the original on 2020-03-29. Retrieved 2022-05-31.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  6. "Archive copy". Archived from the original on 2020-08-02. Retrieved 2022-05-31.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  7. https://www.bbc.com/news/world-africa-50596805
  8. https://www.youtube.com/watch?v=fTkxxOkn100