Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Niacin,a wɔsan frɛ no nicotinic acid, yɛ nneɛma binom a ɛka vitamin B3 ho,nnuanenuro a ɛyɛ ma nipadua no.Nnua ne mmoa ahodoɔ na ɛde ba.[1]

Ne Nkyerɛkyerɛmu

sesa

Nacin yɛ nnuanenuro a ɛho hia pa ara, a wɔtɔn no sɛ nnuanenuro a ɛboa nipadua no na US nso wɔtɔn no sɛ aduro.

Vitamin a ɛnni nipadua no mu

sesa

Sɛ niacin nni aduane a wodi mu a,ɛde yareɛ a wɔfrɛ no pellagra na ɛba,a ɛde ayamtuo,na wedeɛ no ani nso yɛ duru.

Faako a Ɛfiri

sesa

Wobɛhunu nacin wɔ nnuane ahodoɔ mu a nnuane a wɔahyɛda de agu biribi mu ka ho,nam a ɛfiri mmoa ahodoɔ mu,po nnuane, ne nneɛm binom a wɔde yɛ aduane.

Wɔayɛ no sɛ nsuo de sa Yareɛ

sesa

Sɛ wokɔ United States a,niacin a wɔagye ato mu no,wɔde sa yareɛ bi te sɛ hyperlipidemia ne hypertriglyceridemia.

Abakɔsɛm

sesa

Wɔdii kan kyerɛkyerɛ Niacin mu wɔ 1873 a Hugo Weidel na ɔyɛeɛ wɔ nadesua a ɔyɛɛ wɔ nicotine mu no nanso ɛdii mfeɛ beberee a na ɛho hia kyɛn protein, fat ne carbohydrates a na ɛho hia ma nipadua no.[2]

Nhwehwɛmu

sesa

Wɔ mmoa mu ne vitro mu no,niacin de nneɛma ahodoɔ binom na ɛba nipadua no mu.

Beaeɛ a Menyaa Mmoa Firiiɛ

sesa
  1. Niacin | Linus Pauling Institute | Oregon State University, 2019-09-12, archived from the original on 2019-09-12, retrieved 2024-08-24{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  2. Zur Kenntniss des Nicotins | Zenodo, 2020-08-04, archived from the original on 2020-08-04, retrieved 2024-08-24{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)