Nitrous oxide (medication)

Nitrous oxide a wɔde di dwuma sɛ aduruyɛ mu mframa (medical gas supply) no, yɛ mframa a wɔhome a ɛboa ma ɛyaw no ano yɛ merɛ, na wɔtaa de no ka mframa yɛtwe kɔ yɛn mu (oxygen) 50% ho. Mpɛn pii no wɔde di dwuma wɔ nnuro afoforɔ a wɔde ma obi a ɔnte apɔw ano. Adeɛ a wɔtaa de di dwuma no bi ne berɛ a wɔwo abɔfra, berɛ a obi anya ɔhaw bi, ne berɛ a wɔretwɛn obi a ne nkwa da esaane mu. Deɛ ɛfiri mu ba no taa yɛ adwuma wɔ simma fa mu, na ɛtumi nso yɛ adwuma bɛyɛ simma baako ntam pɛpɛɛpɛ.

Abakɔsɛm

sesa

Wɔ December 1844 mu no, berɛ a Horace Wells de N2O yɛɛ adwuma a ɛdi kan wɔ Hartford no, na wɔde saa mframa no dii dwuma sɛ nnuro a ɛma ayaresa. Nanso, ɛfirii aseɛ yɛɛ adwuma wɔ 1863 mu, berɛ a Gardner Quincy Colton de dii dwuma kɛseɛ wɔ Colton Dental Association ayaresabea ahodoɔ a ɔhyehyɛɛ no wɔ New Haven ne New York City no. Nnwinnadeɛ a wɔdii kan de dii dwuma sɛ saa mframa no korabea yɛ bag bi a wɔde ntoma a na wɔde na anwono mu.