Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Nkran Mantam mu ne mantam a n'asase sua koraa wɔ Ghana mantam 16 no mu, ne tɛtrɛtɛ yɛ kilomita 3,245.ɛyi gyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 1.4 wɔ Ghana asase mu. ɛno ne Mantam a ɛto so meinu a emu nnipa dɔɔso yiyie a edi Asante mantam akyi. Nnipa akenkan a ɛkɔɔ so wɔ afe 2010 mu no kyerɛ sɛ, emu nnipa dodoɔ yɛ 4,010,054 a egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyemu 16.3.

Nkran mantam no yɛ mantam a nkurow, adan ne nwuma akɛse wo mu paa na nnipa no mu ɔha mu nkyekyɛmu 87.4 na ɛtete mmeae a ɛte saa. Nkran mantam no Ahenkrow no ne Nkran na, ɛno nso ne ɔman Ghana Ahenkurow.

Abakɔsɛm sesa

Wɔ afe 1960 mu no, na wɔfrɛ Nkran mantam no Nkran mpesua, na na asase no ka Apuei mantam nsase ho. Wɔ bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so 23, afe 1982 no, ɔsoafo no de mmara a ɛne (PNDCL 26) tee Nkran Mantam fii Apuei Mantam ho.

Nsaase sesa

Beaɛ ne ne keseyɛ sesa

Wo atifi fam no, Nkran mantam no Apuei Mantam na ɛbɔ hyeɛ, wɔ apuei fam nso, ɛne Frao mantam na ɛbɔ hyeɛ. Sɛ ɛba atɔe fam nso a , nkran mantam ne ɛpo kɛse Gulf of Guinea na ɛbɔ hyeɛ na wɔ anafo fam nso, ɛne mfinini mantam na ɛbɔ hyeɛ. Nkran mantam ne asase a esua koraa wɔ mantam 16 no mu.

Nsrahwɛ sesa

  • Shai korabea
  • Lakeside Marina bea
  • Kwame Nkrumae Nkaebea
  • Efua Sutherland mmɔfra agodibea
  • Osu abankɛse

Akwhosanbea sesa

  • ɔman Tete nneɛma akroaeɛ
  • La anigye mpoano
  • Kokrobite mpoano
  • Coco mpoano
  • Cocoloco mpoano
  • Korle mpoano
  • Next Door mpoanot
  • Manet Paradise
  • Ada Paradise mpoano
  • Ningo-Prampram mpoano
  • Rufus Green Parks
  • Labadi mpoano
  • Laboma mpoano
  • Titanic mpoano
  • Bojo mpoano

ɔman nkaedeɛ sesa

  • ɔman agodibea
  • Fahodiebeae
  • Nkra Nhyiamu bea
  • Asoe a ehwe amammerɛ so

Kankyerɛkyerɛbea sesa

  • Kwame Nkruma Nkaebea
  • Osu Abankɛse

Afahyɛ sesa

Nkranfo di afayɛ bi a wato din Homowo a ase kyerɛ ne sɛ ''ɔkɔm huro''. Saa afahyɛ yi fii ase mfi pii a atwam. Wɔhyɛ saa fa yi de kae ɛkɔm kɛse bi esii wɔ nkranfo mu mfe bebree bi. Afahyɛ no yɛ aduane afahyɛ a wɔde hyɛ fa ma nkrafo kɔm abokosem no. Wodi saa afahyɛ yi wɔ Ɔsanaa bosome no mu na Nkran abusuakuo nyinaa hyɛ saa fa yi.

Adangbefo yɛ wɔn a wofi Ada na wɔn afahyɛ a wodi ne Asafotu afahyɛ a wɔnsan nso frɛ no 'Asafotufiam'. ɛyɛ afahyɛ a wodi de kae akofo ne nkunim a wodii wɔ wɔ ako ahorow mu. Wɔhyɛ saa fa yi ase wɔ yawada wɔ Kitawonsa bosome no mu kosi nawotwe a edi kan wɔ Ɔsanaa bosome no mu.

sɛnea wɔbekae nnema nti, sɛ edu afahye yi a, akofo no hyɛ won ako ntade ahorow na wɔde agorɔ asi anni. Saa bere yi nso yɛ bre wɔde ntetee ma mmabun wɔ ɔko ho. Saa afahyɛ yi ne otwa afahyɛ no hyia ma nti wɔyɛ amaneɛ ahorɔw a ahotew amammerɛ ka ho. Afahyɛ no du ne mpɔnpɔn so bre a ahenfo fura wɔn tam ahorɔw tenatena wɔn apankan mu,na wɔn manfoɔ de twenebɔ, osebɔ , nnwom ne asaw di wɔn akyi . Ahenfo no de nkyea ma wɔn ho wɔn ho, gu nsa na wɔhye wɔn ho wɔn ho den.

Nsrahwɛ ahorow sesa

  • Fishing port at Jamestown
  • Du Bois Memorial Center for Pan-African Culture
  • George Padmore Research Library on African Affairs
  • Agblobloshie dwadibea
  • Makola dwadibea
  • Trade Fair dwadibea

Asoe a ehw3 nnipa akekan so wo Nkran mantam no mu. Nkran mantam no wo mpesua a edidi so yi; La Nkwantanang Madina Mantam mu, Ashaiman Mantam mu Ledzokuku-krowor Mantam muAdenta Mantam ,Ga apuei Mantam .

Nnipa akenkan a ɛkɔɔ so wɔ afe 2010 mu no kyerɛ sɛ, emu nnipa dodoɔ yɛ 4,010,054 ,ɛma no bɛyɛɛ mantam a ɛto so mienu a wɔn mu nnipa dɔɔso yi paa. Asante mantam na edikan ma Nkramantam to so mienu. Nea nti a ɛte saa ne sɛ nkrufo di mu atukotena paa.Nhwɛsoɔ:Historical populations

Mmusuakuo sesa

Ga-Dangmefo no yɛ Nkranfo kuo a wɔdɔɔso paa wɔ Nkran mmuasukuo no nyinaa mu. wɔn dodoɔ yɛ ɔha mu nkyekyɛm 18.9. Nkranfo nhenkurow no gu ahorɔw nsia; Ga Mashie, Osu , La, Tshie Nungua ne Tema. Wɔn mu biara wɔ ahengua a woyi so apayɛ. La kurow no wɔ Sika korabea a ɛsom La manfoɔ no. Nkran bɛyɛɛ titriw wɔ Ga-Dangme nkuro no mu ma nnɛ, abɛyɛ Ghana Ahenkurow. Na Nkranfo no adwuma ne kuayɛ nanso nnɛ, apopo dwuma ne adetɔn ne nwuma a agye nkran man no afa. Mmaa no pii yɛ dwadifoɔ na wɔn kununom nni wɔn yerenom sika so tumi. Nkranfo di ɛnade nti mmaa pii yɛ adedifo. Mmarima no yɛ ade a wodi agya ade ma nti wɔtena wɔn agyanom fie, Nanso sɛ mmea no ware mpo a, wɔn ne wɔn maamenon ne wɔn mma tena wɔn na fie.

Ofie biara mu wɔ nkranfo fie wɔ won abosom a wɔyɛ nyankomade ma wɔn na afahyɛ pii nso na ɛwɔ hɔ. Adangmefo no yɛ wɔn a wɔte bɛn Ghana mpoano efi Kpone kosi Ada, nsuo Frao ne Gulf of Guinea. Adangmefo no ne Ada, Kpone, Krobo, Ningo, Osuduku, Prampram ne Shai, won nyinaa ka Adangme a ne fibea ne Kwa,a ɛwɔ Congo mmusua mu. Adangmefo ne wɔn a wɔ dɔɔso wɔ nkranfo mu na nkran nsase ɔha mu nkyekyemu 70 yɛ wɔn dea.

Atukɔtena sesa

Nnipa a wɔte Nkran mantam no mu ɔha mu nkyekyɛm 1.3 yɛ won a watu afri Ghana nkro afoforo so abetena.

Nnipa dodoɔ a wɔte nkran no mu dodoɔ no yɛ Akanfo na wogyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm 39.8. Nea edi hɔ ne Ga-Dangme a wɔn dodoɔ yɛ ɔha mu nkyekyɛm 30.7. ɛno akyi no, ɔha mu nkyekyɛm 18 yea Ewe.

Nnipa dodoɔ sesa

Wɔ afe 1960 mu no, na nkrofo dodoɔ a na wɔ wɔ Nkra Mantam no yɛ 491817. Nnipa dodoɔ a na wɔ wɔ hɔ wɔ afe 2000 mu no yɛ 2,905,76. Nnipa akenkan a ɛkɔɔ so wɔ afe 2010 no kyerɛ sɛ nnipa 4,10,054 na ɛwo nkran mantam.

ɔsom sesa

ɔsom ahorow a ɛwɔ nkran mantam no ne

  • Kristofo – 76.8%
  • Nkramofo –17.2%
  • ɔsom afoforo – 4.6%
  • Amammere – 1.4%

Akwantuo sesa

Nkran man mu na ɔman no wiemhyɛnbea kɛse a wɔfrɛ no Kotoka International Airport in Accra no. Wiemhyɛnbea som Ghanafoɔ Afrika ne aman afoforo.

Akwan aitriw nnan na ɛwɔ ho - N1, N2, N4 ne N6- N1 no nam Nkran mantam kɔ fa Ada de besi N2 no mu wɔ Tema, akwan afoforo, Tetteh Quarshie ne N6 wo Achimota. ɛfa Kokrobite kɔpem Weija, ɛtoa so kɔpem Mfinifini Mantam mu kosi Elubo wɔ Atoe mantam mu. N2 no nam Apeui Mantam mu de si Asikuma, de kɔ Atifi Mantam mu kofa Atifi-Atɔe de kowie wɔ Kulungugu. N4 no nam Tetteh Quarshie na N6 fi ase fri Achimota. Saa akwan yi fa Atifi kopue Kumasi wo asante mantam mu.

Keteke Akwan nso nam Nkran kosi Tema

Adesua sesa

Ntoasoɔ sukuu ahorɔw sesa

  • Christian Methodist Senior High School
  • Accra Academy
  • St. Martins Senior High School
  • Accra Girls Senior High School
  • Accra High School
  • Accra Wesley Girls' High School
  • Achimota Senior High School
  • Ebenezer Senior High School
  • Holy Trinity Cathedral Senior High School
  • Kaneshie Senior High School
  • Kinbu Senior High School
  • Presbyterian Senior High School, Osu
  • Wesley Grammar Senior High School
  • St. Mary's Senior High School
  • St. Margaret-Mary Senior High School
  • Sacred Heart Vocational Institute
  • Accra Technical Training Centr
    • Accra Wesley Girls' Senior High School
    • Chemu Senior High School
    • Manhean Senior High School
    • Tema Senior High School
    • Methodist Day Senior High School
    • Presbyterian Senior High School, Tema
    • Our Lady Of Mercy Senior High School
    • Tema Technical Institute
    • Labone Senior High School
    • Presbyterian Senior High Sch, La
    • St. Thomas Aquinas Senior High School
    • Armed Forces Senior High Technical
    • Amasaman Senior High Technical School
    • St. John's Grammar Senior High School
    • Ngleshie Amanfro Senior High School
    • Odorgonno Senior High School
    • West African Senior High School
    • Presbyterian Boys' Senior High School, Legon
      • Ada Senior High School
      • Ada Technical Institute
      • Ada Senior High Technical School
      • Osudoku Senior High School
      • Ningo Senior High School
      • Prampram Senior High School
      • Ashaiman Senior High School
      • Don Bosco Senior High Technical School
      • Nungua Senior High School
      • O'reilly Senior High School
      • Presbyteian Senior High School, Teishie
      • Teishie Technical Training Centre
      • Kpone Community Day Senior High School
      • Kwabenya Community Day Senior High School
      • Frafraha Community Day Senior
      • Ghanata Senior High School

Suapɔn Ahorɔw sesa

Nkran mantam mu wɔ aban suapɔn ahorɔw miensa a ɛne University of Ghana wɔ nkran Ghana Institute of Journalism ne University of Professional Studies a ɛwɔ East Legon. ɛno akyi no, ankorɛnkorɛ suapɔn pii nso wɔ mantam no mu

Ade tɔn bea ahorɔw sesa

  • Accra Mall - Tetteh Quarshie Roundabout
  • Melcom Shopping Centers , Accra Central, Adabraka, North Industrial Area, Spintex, Teshie, La, Dansoman, Achimota, Wejja, Kasoa etc
  • Marina Mall - Airport Area
  • West Hills Mall - Weija
  • Oxford Street Mall - Osu
  • The Junction Mall - Nungua
  • The Achimota Mall - Achimota
  • A&C Mall - East Legon

Agodikuo sesa

  • Accra Hearts of Oak, Premier League Football
  • Great Olympics, Premier League Football
  • International Allies F.C., Premier League Football
  • Liberty Professionals, Premier League Football
  • Tema Youth F.C., Premier League Football


 
Districts of Nkran Mantam mu
Mpesua ahorɔw a ɛwɔ Nkran Mantam mu
# Mpesua Ahenkuro Nnipa Doduo (2010 akekan)
1 Nkran Mantam mu Nkran 1,665,086
2 Ada Apuei Ada Foah 71,671
3 Ada Atɔe sege 59,124
4 Adenta Mantam mu Adenta 78,215
5 Ashaiman Mantam mu Ashaiman 190,972
6 Ga mfifini Mantam mu Sowutuom 114,745
7 Ga apuei Mantam mu Abokobi 147,742
8 Ga atoe Mantam mu Weija 411,377
9 Ga anafo Mantam mu Amasaman 219,788
10 Kpone Katamanso Mantam Kpone 109,864
11 La Dade Kotopon Mantam La 183,528
12 La Nkwantanang Madina Mantam mu Madina 108,051
13 Ledzokuku-krowor Mantam mu Nungua 221,757
14 Ningo Prampram Prampram 70,923
15 Shai Osudoku Dodowa 51,913
16 Tema Mantam mu Tema 292,773

Akukudam a wɔ yɛ Nkranfo sesa

Akukudam a wo fri Nkran
# Temanmufo Nkurow
1 Terry Darious N Gibson Nima/Korle Gono
2 Stonebwoy Ashaiman
3 Joselyn Canfor Dumas Nkran
4 Azumah Nelson Nkran
5 Arthur Wharton Nkran
6 Guy Warren Nkran
7 Asamoah Gyan Nkran
8 Leo Myles-Mills Accra
9 Shatta Wale Nkran