Noah Ben Azure

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Noah Ben Azure (wɔwoo no December 5, 1960) yɛ Ghana amannyɔni ne mmarahyɛbadwani a na ɔka mmarahyɛbadwa a Ɛtɔ so Nsia a ɛwɔ Ghana Republic a ɛtɔ so nnan no mu ni a ɔgyina Binduri Mansini no ananmu wɔ Upper East mantam no mu wɔ National Democratic Congress tekiti so.

Ankorankoro asetena sesa

Azure yɛ Kristoni (Assemblies of God Asɔre). Ɔwaree (ɔwɔ mma mmiensa).[1]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua sesa

Wɔwoo Azure wɔ ɔpɛnimaa bosome no da a ɛtɔ so num (5), wɔ afe 1960 mu. Ɔfiri Binduri, kuro bi a ɛwɔ Upper East mantam no mu wɔ Ghana.[1] Ɔkɔɔ Sukuupɔn a ɛhwɛ Nhomasua so, Winneba, Mampong Campus na ɔnyaa ne bachelor’s degree wɔ nwomasua mu wɔ afe 2000 mu.[1]

Amanyɔsɛm sesa

Azure yɛ kyiniiɛ amannyɔkuo NDC mu nipa. Wɔ afe 2012 mu no, ɔsii akan maa Binduri abatoɔ mpesua no so wɔ NDC din mu wɔ mmarahyɛbadwa a Ɛtɔ so nsia a ɛwɔ republic a ɛtɔ so nnan no tekiti so na ɔdii nkonim.[1]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ sesa

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 MPs (in American English), retrieved 2023-10-02