Norfloxacin, a wɔtɔn no wɔ din Noroxin mu no yɛ antebayɔtese (antibiotic) a ɛka fluoroquinolone antebayctese ekuo no ho. Wɔde sa yareɛ wɔ ntini mu, gynecological yareɛ, prostate gland yareɛ, gonorrhea ne ntini mu yareɛ nyinaa. Wɔgye toom sɛ wɔtumi de aduro a yɛde sɔ aniwa so no di dwuma ma mmɔfra a wɔboro afe baako. Wɔyɛɛ ho nhwehwɛmu wɔ 1977 mu, na wɔmaa kwan sɛ wɔmfa nyɛ adwuma wɔ ayaresa mu wɔ 1983 mu.

Dwuma a wɔde di

sesa

U.S. Food and Drug Administration (FDA) dii kan penee so wɔ afe 1986 mu no, na deɛ edidi soɔ yi ka yareɛ wɔtumi de sa no ho: Nsa mu yareɛ a ɛnyɛ den (a cystitis ka ho) Nsa mu yareɛ a ɛyɛ den (wɔde di dwuma kakraa bi) ne babaso yareɛ wɔfrɛ no urethral and cervical gonorrhea no.

Ɛwom sɛ ɛtɔ mmerɛ bi a wɔde fluoroquinolones di dwuma de sa typhoid ne paratyphoid atiridii deɛ, nanso norfloxacin nyaa ayaresa mu nkoguo pii sene fluoroquinolones foforɔ no. Wɔde dii dwuma mpɛn 417 ɛna wɔyɛɛ nhwehwɛmu ahodoɔ num a ɛkyerɛɛ sɛ ɛyɛ nokware.

Nsunsuansoɔ

sesa

Ne nyinaa mu no, fluoroquinolones tumi yɛ adwuma yie, na ne nsunsuansoɔ no mu dodoɔ no ara nyɛ den. Berɛ bi wɔ hɔ a, ɔhaw a ɛmu yɛ den ba. Deɛ ɛtaa ba no bi ne yafunu mu haw te sɛ ayamtuo, ɛtumi nso ma wo fefe, wo honam tumi yɛ wo basabasa na nna ho nso tumi yɛ den ma wo. Wɔn a wɔde fluoroquinolones na ɛsa wɔn yareɛ no nyinaa mu dodoɔ no ara yɛ pɛ te sɛ wɔn a wɔde antebayɔtese nnuro afoforo sa wɔn yareɛ no.