Nyinsɛn a antɔ awodeɛ mu

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
ectopic pregnancy
class of disease
subclass offemale reproductive system disease, Nyinsɛn, Nyarewa Sesa
facet ofwomen's health Sesa
health specialtymidwifery, gynaecology Sesa
symptoms and signsabdominal pain Sesa
drug or therapy used for treatmentmifepristone, methotrexate Sesa
WordLift URLhttp://data.medicalrecords.com/medicalrecords/healthwise/ectopic_pregnancy Sesa
ICD-9-CM633, 633.9, 633.90, 633.8 Sesa
ICPC 2 IDW80 Sesa
NCI Thesaurus IDC34945 Sesa

Nyinsɛe a antɔ awodeɛ mu yie a borɔfo kasa mu, wɔfrɛ no ' Ectopic pregnancy' no yɛ nyinsɛn mu haw no mu baako. Berɛ a yɛbɛka sɛ obi nyinsɛn antɔ n'awodeɛ mu yie no, na kyerɛ sɛ, mogyatoɔ a ɛdane bɛyɛ nipa no antumi antɔ awodeɛ no mu, mmoam, ɛkɔtɔɔ awodeɛ no ano anaa baabi a nyɛ hɔ na ɛsɛ sɛ ɛtɔ. Saa tebea yi na yɛfrɛ no nyinsɛn a antɔ yie5]. Obi te anyɛ yie na ɔnyem na sɛ ne nyinsɛn no antumi ankɔtɔ n'awodeɛ no mu a, nsɛnkyerɛnne a ɛde ba no bi ne ayaaseyaw. Obi nso wɔ hɔ a nsuo taa gu no. Anwanwasɛm ne sɛ, mmaa a wɔwɔ saa nyinsɛn mu haw yi bi no mu ɔha nkyekyɛmu aduonum na wɔwɔ saa nsɛnkyerɛnne yi nyinaa. Wɔn mu ɔha nkyekyɛmu aduonum a aka no deɛ, wɔnya saa nsɛnkyerɛnne yi nyinaa mmɔ mu. Obi wɔ hɔ a,  nsuo kɛkɛ na ɛgu no. Obi nso wɔ hɔ a, n'ayaase kɛkɛ na ɛyɛ ne ya.  Obi nso deɛ yɛ Mogyatuo1]. Wɔn a mogya taa to wɔn no taa twa hwe esiane sɛ, mogya no retu no no nyinaa na oxygen a ɛwɔ nipadua no mu no nso so rete[5][1. Mpɛn pii no,  ɛyɛ a nyinsɛn no tumi sɛ. Ayarehwɛfoɔ ankasa nso tumi hyɛ deɛ ɔnyem no nkuran ma ɔma ne ho kwan sɛ wɔnyi ne nyinsɛn no ngu[6]. Wiase afanan nyinaa, nnipa a afe biara wɔnyaa saa nyinsɛn ho haw yi bi no yɛ ɔha nkyekɛmu mmienu5]. Saafoɔ yi mu ɔha nkyekyɛmu aduonum na wɔfa nyinsɛn ho haw yi so hwere wɔn nkwa.

Nsɛnkyerɛnne

sesa

Wɔn a wɔn nyinsɛn ntɔ yie no mu ɔha nkyekyɛmu du na sɛ wɔkɔ saa tebea no mu a, bibiara nkyerɛ sɛ wanya bi. Kyerɛ sɛ, wɔnya ɛho nsɛnkyerɛnne biara. Yɛkyɛ mu mmeɛnsa a, wɔn mu baako nya apɔɔmuden ho haw biara5]. Mpɛn pii no sɛ ɛho nsɛnkyerɛnne no ba a, ɛntaa nna ne ho adi yie papa. Woanhwɛ no yie a wobɛka sɛ ɛyɛ yadeɛ foforɔ bi ho nsunsuansoɔ. Ɛntae mpo nyɛ wɔn sɛ wɔyare5].

Deɛ yadi kan aka yi yɛ berɛ a nsɛnkyerɛnne biara nyi ne ho anaa yɛnhyɛ da nhunu no yie. Berɛ a nsɛnkyerɛnne no bɛdan ne ho adi no, deɛ ɛsi no bi na ɛdidi soɔ yi. Nsuo tumi gu wɔn a wɔn nyinsɛn antɔ yie. Wɔn ayaase tumi yɛ no ya. Ne sisi mu nnompe no tumi yɛ no ya kakra5. Wɔn twɛ mu kwan no nso tumi yɛ wɔn ya. Ɛyɛ a awodeɛ no su tumi sesa( yei deɛ mfidie nko ara na wɔtumi de hu)1]. Tebea no rekɔ n'anim anaa nyinsɛn no renyini no, ayamtuo nso tumi de ne ho gye nsɛnkyerɛnne no mu5

Baabi a Menyaa Mmoa Firiiɛ

sesa