Onchocerciasis

Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Nhwɛsoɔ:Infobox disease

Onchocerciasis, a wͻsan frε no nsu mu anifurae ne Robles yare yε yare a nsonsono a εtena mmoawa afoforo mu Onchocerca volvulusde ba.[1] Ne nsεnkyerεnne bi ne ahokeka a emu yε den, honam ani a εsoasoa, ne anifurae.[1] Ɛno ne yare a εtͻ so abien a εma anifurae, na edi trachoma akyi.[2]

Nsonsono a εde yare no ba no nam ntuboa tumtum no a waka obi a ofi Simulium abusuakuw mu.[1] Mpεn pii no, εsε sε ntuboa no ka obi mpεn dodow ansa na wanya yare no.[3] Ntummoa yi taa tena nsuten ho, εno nti na yare no kura ne din no.[2] Bere a wͻwͻ nipadua no mu no, nsonsono no wo mma(larvae) na mma yi pue fa honam no mu.[1] Eyi mu no, onipa no betumi de yare no ama ntuboa a edi hͻ a ͻbεka nipa no.[1] Yεwo akwan ahorow a wͻfa so yε yare yi mu nhwehwεmu a ebi ne nipadua mu akwaa anaa nsu mu nhwehwεmu a wͻyε wͻ honam no mu wͻ nkyene nsu mu na wͻhwε kwan sε mmoawa no beyi ne ho adi, aniwa mu a wͻhwehwε, anaa nsonsono a wͻhwehwε wͻ mmeae a asoasoa wͻ honam no mu.[4]

Nea εyε nsu a wͻde ko yare nni hͻ ma yare yi.[1] Kwan a wͻfa so siw yare yi ne sε woremma ntummoa no nka wo.[5] Wubetumi ayε eyi denam aduru a εpam ntummoa a wode sra ne atade pa a wohyε so.[5] Afoforo ne mmͻden a wͻbͻ de nnuru gu mmeae a ntummoa no wͻ de kumkum wͻn.[1] Nnwuma ahorow rekͻ so de ayi yare no afi hͻ denam nnipakuw ahorow a wͻsa wͻn yare mpεn abien afe biara wͻ aman bi so.[1] Wͻnam aduru ivermectin so na εsa wͻn a yare yi aka wͻn no yare asram asia kosi dumien biara.[1][6] Ayaresa yi kum mma no na εnyε nsonsono no.[7] Aduru a εne doxycycline, a ekum mmoawa a wotumi tena afoforo mu Wolbachia, yε nea etumi kum nsonsono no ma enti ebinom kamfo kyerε.[7] Wobetumi nso ayi mmeae a asoasoa wͻ honam no ani no.[6]

Nipa bεyε ͻpepem dunsͻn kosi aduonu anum na wͻanya yare yi bi, a wͻn mu bεyε mpem ahawͻtwe afa mu anya anifurae.[3][7] Yare no mu dodow kͻ so wͻ Afrika Sahara anafo fam, na ebi nso wͻ Yemen ne mmeae a ate ne ho wͻ Amεrika Mfinimfini ne Amεrika Anafo.[1] Wͻ afe 1915 mu no, oduruyεfo Rudolfo Robles dii kan de nsonsono no bataa ani yare yi ho.[8] Kuw a εne Wiase Akwanhosan Ahyehyεde de yare yi aka nyarewa a wͻabu ani agu so ho.[9]

Nsεm afoforo sesa

  1. 1.00 1.01 1.02 1.03 1.04 1.05 1.06 1.07 1.08 1.09 "Onchocerciasis Fact sheet N°374". World Health Organization. March 2014. Retrieved 20 March 2014.
  2. 2.0 2.1 "Onchocerciasis (also known as River Blindness)". Parasites. CDC. May 21, 2013. Retrieved 20 March 2014.
  3. 3.0 3.1 "Parasites – Onchocerciasis (also known as River Blindness) Epidemiology & Risk Factors". CDC. May 21, 2013. Retrieved 20 March 2014.
  4. "Onchocerciasis (also known as River Blindness) Diagnosis". Parasites. CDC. May 21, 2013. Retrieved 20 March 2014.
  5. 5.0 5.1 "Onchocerciasis (also known as River Blindness) Prevention & Control". Parasites. CDC. May 21, 2013. Retrieved 20 March 2014.
  6. 6.0 6.1 Murray, Patrick (2013). Medical microbiology (7th ed.). Philadelphia: Elsevier Saunders. p. 792. ISBN 9780323086929.
  7. 7.0 7.1 7.2 Brunette, Gary W. (2011). CDC Health Information for International Travel 2012 : The Yellow Book. Oxford University Press. p. 258. ISBN 9780199830367.
  8. Lok, James B.; Walker, Edward D.; Scoles, Glen A. (2004). "9. Filariasis". In Eldridge, Bruce F.; Edman, John D.; Edman, J. (eds.). Medical entomology (Revised ed.). Dordrecht: Kluwer Academic. p. 301. ISBN 9781402017940.
  9. Reddy M, Gill SS, Kalkar SR, Wu W, Anderson PJ, Rochon PA (October 2007). "Oral drug therapy for multiple neglected tropical diseases: a systematic review". JAMA. 298 (16): 1911–24. doi:10.1001/jama.298.16.1911. PMID 17954542.{{cite journal}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)

Nkyekyem:Gao lazamankwala