Oxycodone/naloxone

Oxycodone/naloxone, a woato ne din Targin no yɛ ɛyaw aduro a woaka abomu. Ɛwɔ hɔ sɛ nnuro a wɔasesa no na wɔn anona ɛnom.

Oxycodone fa no yɛ opioid na ɛno na ɛma ɛyaw ano brɛ ase. Naloxone sɔre tia opioids nkɛntɛnsoɔ nanso sɛ wɔde ma a, ɛnkɔ nipadua no mu yie berɛ a wɔde ano ma no, a ɛkyerɛ sɛ ɛkame ayɛ sɛ dodoɔ no nyinaa tra yafunu no mu na ɛte mpɔtamu hɔ nsunsuansoɔ bɔne a efiri oxycodone no mu ba no so, a ɛne akisikuro berɛ a naloxone no kyekyere opioid agyefoɔ a ɛwɔ awotwaa no mu no , a esi opioid no kwan sɛ ɛbɛbata ho. Wei nka ne nnuro a ɛma ɛyaw ano brɛ ase sɛ wɔde toto Oxycontin ho a. Wɔmaa akisikuro so tewee kɛse wɔ afe 2008 nhwehwɛmu bi mu. Wɔyii aduro no adi wɔ afe 2006 mu wɔ Germany na ɛwɔ Europa aman fofrɔ bi mu firi afe 2009. Wɔ UK no, wɔpenee oxycodone 10 mg / 5 mg naloxone ne 20 mg/10 mg ahoɔden so wɔ December 2008 mu, ne 40 mg/20 mg ne 5 mg/10 mg ahoɔden wɔ July 2019.

Adanseɛ a edi kan kyerɛ sɛ oxycodone/naloxone betumi ayɛ ayaresa a ɛtu mpɔn a wɔde sa nan a ɛyɛ den sɛ ayaresa a edi kan no antumi anyɛ adwuma yie a.