Pantoprazole, a wɔde edin Protonix ne deɛ ɛkeka ho no, yɛ aduro a wɔde di dwuma wɔ yam kuro yareɛ (tomach ulcers) ne kuro ahodoɔ te sɛ erosive esophagitis a gastroesophageal reflux disease (GERD) de ba ne pathological hypersecretory conditions a Zollinger–Ellison syndrome ka ho ayaresa mu.

Aduro yi yɛ proton-pump inhibitor (PPI) na ne sɛdeɛ ɛyɛ nam no te sɛ PPI nnuro ahodoɔ a aka no. Wɔde fa anom anaa ntini mu na ɛde ma ɔyarefoɔ no na wɔfirii aseɛ yɛɛ ho nhwehwɛmu wɔ afe 1985 mu. Afe 1994 mu na wɔfirii aseɛ de dii dwuma wɔ ayaresa mu.

Aduro yi nso wɔ ɔhaw ahodoɔ a ɛde ba berɛ a wode redi dwuma no. Yei bi ne tipaeɛ, ayamtuo, ɛfeɛ,Clostridium difficile colitis, low magnesium,vitamin B12 deficiency ne pii a ɛkeka ho.