Pneumococcal conjugate vaccine

Pneumococcal conjugate vaccine yɛ pneumococcal vaccine a wɔnam kwan a wɔfa so yɛ conjugate vaccine so ayɛ. Wɔde bɔ mmɔtɔfowa, mmɔfra ne mpanimfoɔ nyinaa ho ban firi nyarewa a mmoawa a yɛfrɛ wɔn bacterium Streptococcus pneumoniae (pneumococcus) de ba ho. Nneɛmaa a ɛwɔ mu no bi ne capsular polysaccharide a ɛyɛ korɔgyee. (WHO) agye ato mu sɛ, ɛyɛ sɛ wɔbɛtae de ama mmɔfra.[1][2]

Nsunsuansoɔ

sesa

Sɛ obi fa aduro yi a, nsunsuansoɔ a ɛtae nya wɔ ne so ne sɛ sɛ ɔyɛ abɔfra a, ɛtumi ma n'anum to, ɔtumi nya ahoɔhyeɛ( wɔn a wɔnni mmoroo naawɔtwe nsia nko ara). Wɔde wɔ panneɛ nso a faako a wɔde panneɛ no wɔeɛ no tumi yɛ nipa no ya, ɛtumi hono anaa ɛtumi yɛ den. Ɛtumi ma obi ani ha ne ho.[2] Sɛ onipa no yɛ panin nso a, nsunsuansoɔ a ɛtae nya wɔ ne so ne anuyoɔ, tipaeɛ ayamtuo, ahoɔhyeɛ( wɔn a wɔadi mfeɛ du nnwɔtwe de kɔpem mfeɛ aduonu nkron nko). Ɛtumi de afefeafeɛ ne ɔbrɛ nso ba.

Ne din ahodoɔ

sesa

Capvaxive

sesa

Capvaxive yɛ pneumococcal 21-valent conjugate vaccine a obi a wɔfrɛ no Merck de baeɛ. United State gye too mu wɔ ayarehwɛ mu wɔ Ayɛwohomummɔ, afe 2024 mu.[3][4] Ɛma apɔɔmuden. Ɛma nipadua mu nkwammoa a wɔko nyaredom no ahoɔden. Ɛboa ma nyarewa mma nipadua no mu basabasa. Deɛ ɛsi ho kwan no bi ne Streptococcus pneumoniae serotypes 3, 6A, 7F, 8, 9N, 10A, 11A, 12F, 15A, 15B, 15C, 16F, 17F, 19A, 20A, 22F, 23A, 23B, 24F, 31, 33F, ɛna 35B in a ɛwɔ wɔn a wɔadi mfeɛ du nwɔtwe mu. Ebi nso ne pneumonia a S. pneumoniae serotypes 3, 6A, 7F, 8, 9N, 10A, 11A, 12F, 15A, 15C, 16F, 17F, 19A, 20A, 22F,23A, 23B, 24F, 31, 33F, ne 35B de ba wɔ wɔn a wɔadi mfeɛ du nwɔtwe rekorɔ mu.[3]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

sesa
  1. World Health Organization (2019). "Pneumococcal conjugate vaccines in infants and children under 5 years of age: WHO position paper –February 2019". Wkly Epidemiol Rec. 94 (8): 85–104. hdl:10665/310970.
  2. 2.0 2.1 "PREVNAR 20- pneumococcal 20-valent conjugate vaccine injection, suspension: Wyeth Pharmaceutical Division of Wyeth Holdings LLC". Philadelphia, PA: Wyeth Pharmaceuticals, LLC (A subsidiary of Pfizer Inc.). June 2021. p. 11. Archived from the original on 5 September 2022. Retrieved 9 August 2022.
  3. 3.0 3.1 "Capvaxive". U.S. Food and Drug Administration. 17 June 2024. Archived from the original on 18 June 2024. Retrieved 18 June 2024. Nhwɛsoɔ:PD-notice
  4. Nhwɛsoɔ:Cite press release