Prostaglandin E1

Prostaglandin E1 (PGE1) yɛ aduro bi a, sɛdeɛ Ɔbɔɔ- adeɛ yɛɛ no no, saa na ɛteɛ, ɛne biribi foforɔ biara nnii afera ( Highly organic).[1] Mmɔfra a wɔwɔ wɔn baa anaa wɔn barima ho haw ( congenital heart defects) no, wɔde fa panneɛ mu wɔ wɔn. Wɔyɛ no saa ara kɔpem sɛ wɔbɛyɛ oprehyɛn.[2] Sɛ wɔde wɔ obi barima a, ɛboa sɔ mpa mu mmerɛyɛ anaa kɔtewuiɛ ano.[3]

Nsunsuansoɔ

sesa

Sɛ obi fa prostahladin E1 a, ɛso nsunsuansoɔ no bi na ɛdidi soɔ yi. Sɛ wɔde ma mmɔfra a, ɛma wɔhome a ɛnsi so papa. Ɛtumi de ahohyeɛ ne low blood pressure nso ba.[1] Sɛ wɔde wɔ obi kɔte mu sɛ wɔde resɔ mpa mu mmerɛyɛ ano a, ɛho nsunsuansoɔ no ne ne sɛ, ɛtumi ma onipa no te yaw bi wɔ ne kɔte mu, mmogya tumi tu no wɔ beaeɛ a wɔde panneɛ no wɔeɛ no, ne kɔte sɔre a ɛtumi gyina so kyɛ sene sɛdeɛ ɔrehwehwɛ(priapism) ne ade.[1] Prostaglandin E1 ka ''vasodilator'' nnuro abusuakuo no ho. Kwan a ɛfa so yɛ adwuma wɔ nipadua mu ne sɛ, ɛma ntini a mogya fa mu no mu buebue, na ama nipadua no nso ho adwo no fɔmm.

Abakɔsɛm

sesa

Wɔhunuu Prostaglandin E1 wɔ afe Apem, Ahankron ne Aduonum nson (1957) na wɔgye too mu sɛ ayarehwɛfoɔ mfa nyɛ adwuma wɔ afe Apem, Ahankron ne Aduɔwɔtwe baako (1981) wɔ America. [1][4] Wiase kubaatan a ɛhwɛ apɔɔmuden so World Health Organization agye ato mu sɛ ɛka nnuro a ɛho hia pa ara no ho. [5]

Beaeɛ a Menyaa Mmoa Firiiɛ

sesa
  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 "Alprostadil". The American Society of Health-System Pharmacists. Archived from the original on 16 January 2017. Retrieved 8 January 2017.
  2. Northern Neonatal Network (208). Neonatal Formulary: Drug Use in Pregnancy and the First Year of Life (in English) (5 ed.). John Wiley & Sons. p. 2010. ISBN 9780470750353. Archived from the original on 13 January 2017.
  3. British National Formulary (BNF) (69th ed.). British Medical Association. 2015. p. 569. ISBN 9780857111562.
  4. Sneader W (2005). Drug Discovery: A History (in English). John Wiley & Sons. p. 185. ISBN 9780470015520. Archived from the original on 13 January 2017.
  5. World Health Organization (2019). World Health Organization model list of essential medicines: 21st list 2019. Geneva: World Health Organization. hdl:10665/325771. WHO/MVP/EMP/IAU/2019.06. License: CC BY-NC-SA 3.0 IGO.