Rabies vaccine

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kramanyareɛ aduro yɛ aduro a wɔde si kramanyareɛ ano.Wɔwɔ kramanyareɛ nnuro pii wɔ hɔ a ɛyɛ kama na ɛyɛ adwuma nso.Ɛwɔ sɛ wɔhwɛ sɛ kramanyareɛ varɔso no bi wɔ hɔ ansa na wɔde aduro no ama anaa sɛ berɛ a obi anya yareɛ no bi a wɔgye di sɛ ano bɛtumi ayɛ den no,na wɔde asi ano kwan.Sɛ obi ka obi anaa sɛ ɔde ne nsa fefa aboa a ɔwɔ kramanyareɛ no bi a ɔtumi nya kramanyareɛ no, nanso ɛbɛtumi afa mframa ma obi anya bi berɛ a obi a ɔwɔ yareɛ no bi ate ntasuo.[1]

Yareɛ a wɔde Sa

sesa

Ansa na Wobɛnya

sesa

Wiase apɔmuden Kuo (WHO) ahunu sɛ ɛyɛ sɛ wɔbɛma wɔn a wɔbɛtumi anya yareɛ no bi, sɛ ebia mmɔfra ne wɔn a wɔte beaeɛ a ɛnyɛ na koraa no nnuro.[2]

Wɔanya Yareɛ no

sesa

Nnipa a wɔanya yareɛ no varɔso no bi no,ɛyɛ.sɛ wɔbɛma wɔn nnuro no nnan saa bɛboro nnawɔtwe mmienu,na wɔawɔ wɔn kramanyareɛ aduro immunoglobin wɔ aduro a ɛdi kan. Ɛno na wɔfrɛ no ayarehwɛ a wanya berɛ a wanya yareɛ no bi no.Nnipa a wɔama wɔn nnuro no bi dada deɛ,kramanyareɛ aduro no baako pɛ na ɛhia ma wɔn.

Ahwɛyie

sesa

Kramanyareɛ nnuro no yɛ ma obiara.Ɛbɛyɛ sɛ ɔha mu nkyekyɛmu aduasanum de kɔsi aduanan nnum no,wɔte yaw wɔ faako a wɔwɔɔ wɔn paneɛ no,na ɛhɔ nso bɛyɛ kɔkɔɔ,na bɛyɛ sɛ nnipa nnum de kɔsi dunnum nso,wɔtumi nya ahoɔhyeɛ,tipaeɛ,anaa sɛ abofono.Ɛsiane varɔso no ahoɔden nti,sɛ wonom aduro no a ɛyɛ pa ara.

Ahodoɔ

sesa

Nnipa mu kramanyareɛ aduro no(HDCV) hyɛɛ aseɛ wɔ afe 1967 mu.Nnipa mu kramanyareɛ nnuro no yɛ nnuro a wɔde varɔso aduro pitman moore L503 na ɛyɛ.

Abakɔsɛm

sesa

Ɛkwan bi so no,na wɔn a wɔnya kramanyareɛ no wu ɛkɔsi sɛ Frɛnch abɔdeɛ mu nyansapɛfoɔ mmienu a wɔne Louis Pasteur ne Emile Roux, na wɔdi yɛɛ kramanyareɛ aduro no wɔ afe 1885.Na obi a na wɔfrɛ no Joseph Meister(1876-1940) a na wadi mfeɛ nkron na kraman kaa no na ɔdii kan nyaa aduro yi bi.Wɔhyɛɛ aseɛ hwɛɛ no a wɔwɔɔ no paneɛ wɔ Kitawonsa bosome no ne da a ɛtɔ so nsia wɔ afe 1885 mu berɛ a na abɔ anadwo nnɔtwe,ɛno akyi no wɔmaa no nnuro no dummienu kaa ho nna du akyi no.Paneɛ a ɛdi kan a wɔde wɔɔ no no, wɔnya firii adanko akyi kasɛe mu a na wanya kramanyareɛ yi bi ama no awu bɛyɛ nna nnum no.

Beaeɛ a Menyaa Mmoa Firiiɛ

sesa
  1. Charles E. Rupprecht, Cathleen A. Hanlon, Thiravat Hemachudha (2002-06), "Rabies re-examined", The Lancet. Infectious Diseases, vol. 2, no. 6, pp. 327–343, doi:10.1016/s1473-3099(02)00287-6, ISSN 1473-3099, PMID 12144896, retrieved 2024-08-28 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  2. CDC - Travelers: Preexposure Vaccinations - Rabies, 2019-08-23, archived from the original on 2019-08-23, retrieved 2024-08-28{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)