Rachel Florence Appoh

Rachel Florence Appoh a wɔwoo no Kɔtɔnimaa bosome da ɛtɔ so nsia wɔ afe apem ahenkron aduowɔtwe mu no yɛ Ghana [1] amanyɔni ne kane National Democratic Congress (NDC) Mmarahyɛbadwani ma Gomoa Central Abatoɔ mpasua a ɛwɔ Mfinimfini Mantam a ɛwɔ Ghana.[2] Sane nso yɛ Ɔsoafoɔ Abadiakyiri a ɔhwɛ Mmaa, Mmɔfra ne Asetena mu Ahobammɔ so.[3] [4]

Rachel Florence Appoh
Awo bere
Rachel Florence Appoh

6 October 1980 (1980-10-06) (age 43)
Gomoa Aboso, central region, Ghana[1]
AdesuaCape Coast Polytechnic: Diploma, Accounting (2000-2002); Pentecost University College, B.S., Accounting (2005–2008)
N'adwumaMember of Parliament
EmployerKama Health Service, Internal auditor (2011–12); AngloGold Ashanti, Cost Accountant / Cost Controller (2008–10); Peace FM, Finance & Administration (2006–07); Pentecost University, Public Relation Officer (2007–08)

Naana Ayiah Quansah na ɔdii Rachel adeɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- nsia mmarahyɛbadwa abatoɔ no mu [5]

Ne Mmɔfrase ne nwomasua sesa

Rachel Florence Appoh wɔwoo no Kɔtɔnimaa bosome da ɛtɔ so nsia wɔ afe apem Mmarahyɛbadwani ma Gomoa Central Region of [Ghana].Ɔwɔ master's degrees mmienu mprempren. 'MSC International Finance and Accounting' wɔ 'University of Buckinghamshire' (UK) wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- num ne 'Masters in Governance and Leadership'(MGL) wɔ Gimpa Accra wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- nkron. Ɔkɔɔ ne sukuupɔn wɔ Pentecost sukuupɔn, Accra baabi a ɔnyaa Bsc Accounting wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe mu. Ɔyɛ National Democratic Congress amanyɔkuo ni na ɔgyina hɔ ma dodoɔ no ara wɔ mmarahyɛbadwa no mu.

Adwuma sesa

Ɔyɛɛ adwuma sɛ 'Auditor' wɔ 'KAMA Health Service', Labone wɔ Accra.Ɔsan nso yɛɛ adwuma sɛ Cost controller/ Ac countant wɔ Anglo Gold Ashanti Ltd ne Peace Fm.[6] Ɔgyinaa Gomoa Central abatoɔ mpasua ananmu sɛ Mmarahyɛbadwani wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmiɛnsa ne mfeɛ mpem mmienu ne du nsia . Ɔbɛyɛɛ Ɔsoafoɔ Abadiakyiri a ɔhwɛ Bɔbeasu, Mmofra ne Asetena mu Ahobanbɔ so wɔ ɛno akyi [6]

Amanyɔsɛm sesa

Ɔsan nso yɛ Ɔsoafo Abadiakyiri a ɔhwɛ Mmaa, Mmɔfra ne Asetena mu Ahobammɔ so.[3][4] Naana Ayiah Quansah na ɔsii Rachel ananmu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- nsia 2016 mmarahyɛbadwa abatoɔ no mu.

Kristosom (Pentekoste Asɔre)[6] Rachel Florence Appoh, a na anka ɔyɛ Ɔsoafo Abadiakyiri a ɔhwɛ Mmaa, Mmɔfra ne Asetena mu Ahobammɔ so wɔ kane Ɔmanpanin JohnMahama aban no ase no ada apereperedi ahodoɔ a amammuofoɔ fa mu wɔ abatoɔ mu adi. Sɛnea ɔkyerɛ no, wɔde sika ayɛ Ghana amammuo nhyehyɛe no akodu baabi a sɛ sika nni hɔ a obi ntumi nni nkonim wɔ abatoɔ biara mu. Wɔ nsɛmmisa bi a 'The Ghana Report' hwɛɛ so no, Ms. Appoh kaa sɛ, ɔfaa bosea a ɛyɛ GHC700,000 de tuaa ne 2016 mmarahyɛbadwa mu mmɔdenbɔ wɔ Gomoa Central Abatoɔ mpasua wɔ Central Region, a ɔdii nkoguo. [7]

Ankorankoro Abrabɔ sesa

Appoh aware Samuel Nana Opoku, na ɔwɔ abɔfra baako.[8]

Beaɛ Menyaa Mmoa firiiɛ

  1. "Ghana MPs - MP Details - Appoh, Florence Rachel". www.ghanamps.com. Retrieved 2017-02-06.