Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Retinol, a wɔsan frɛ no vitamin A1, yɛ aduro a ɛyɛ adwuma ntɛm a ɛwɔ vatamɛn A(vitamin)abusuakuo no mu a wobɛhunu no nnuane mu ne nnuanenuro binom mu.[1]Retinol anaa sɛ vatamɛn A ahodoɔ no hia ma ani no, nipadua no nyini, wedeɛ no ho bambɔ, nipadua no mu adwuma ne nipadua no akwaa a ɛwɔ kokoam no nyini.[2]

Aduroyɛ mu nneɛma a wɔde di dwuma

sesa

Wɔde retinol sa vatamɛn A a ɛnni nipadua no mu.Akwan ahodoɔ mmiɛnsa na wɔde di dwuma sɛ nnipa dodoɔ no nni vatamɛn a:[3]

  1. Wɔtumi de fa aduane a wɔahyɛ ama wɔn a wɔnni vatamɛn no sɛ wɔnni no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛma vatamɛn A akɔ soro wɔ wɔn nipadua mu.

Nsunsuansoɔ

sesa

Sɛdeɛ wɔahyɛ RDA a ɛwɔ vatamɛn A mu ama mmarima ne mmaa mpaninfoɔ yɛ 900 ne 700 Retinol da koro biara, anaa sɛ 3,000 IU ne 2,300 IU.Na apemfoɔ nso vatamɛn A RDA no yɛ 750-770 RAE da koro biara.Sɛ ɛduru berɛ a wɔrema mmɔfra no nofoɔ a, RDA no kɔ soro kɔ duru 1,200-1300 RAE da koro biara ( bɛyɛ 4,000-4,300 IU).

Sɛdeɛ wɔsusu No

sesa

Sɛ ɛyɛ aduane mu na wɔde refa a, wɔde international units (IU) na ɛsusu retinol.

Abakɔsɛm

sesa

Wɔ afe 1912 no, Frederick Gowland Hopkin kyerɛɛ sɛ nneɛma binom a ɔhu no nofosuo mu no,na ɛma nipadua no nyini na ɛnyɛ nnunenuro binom te sɛ carbohydrates, proteins ne sradeɛ.Hopkins nyaa akyɛdeɛ wɔ saa nimdeɛ wei a ɔhuniiɛ no wɔ afe 1929.

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ

sesa
  1. Vitamin A — Health Professional Fact Sheet, 2016-12-12, archived from the original on 2016-12-12, retrieved 2024-08-26{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  2. Vitamin A — Health Professional Fact Sheet, 2016-12-12, archived from the original on 2016-12-12, retrieved 2024-08-26{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  3. Werner Schultink (2002-09), "Use of under-five mortality rate as an indicator for vitamin A deficiency in a population", The Journal of Nutrition, vol. 132, no. 9 Suppl, pp. 2881S–2883S, doi:10.1093/jn/132.9.2881S, ISSN 0022-3166, PMID 12221264, retrieved 2024-08-26 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)