Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Rifampicin,a wɔsan frɛ no rifampin,yɛ ansamycin antibayotese a wɔde hwɛ nyarewa ahodoɔ bebree,a ɛbi ne nsamanwa(TB), Mycobacterium aviumcomplex,kwata,ne Legionniares yareɛ ahodoɔ nyinaa.[1]

Yareɛ A Wɔde Sa

sesa

Mycobacteria

sesa

Wɔde rifampicin sa nsamanwa ne antibayotese binom te sɛ, pyrazinamide, isoniazid, ne ethambutol.Sɛ wɔde resa nsamanwa a,wɔyɛ no dabiara.[2]

Nsunsuansoɔ

sesa

Ɛho nsunsuansoɔ a ano yɛ den pa ara ne hɛpatɔtɔsiticiti(hepatotoxicity),na nnipa a wɔnya no wɔtaa yɛ wɔn brɛboɔ ho nhwehwɛmu hwɛ sɛ wɔn brɛboɔ ho ato kyema anaa.

Sɛdeɛ Ɛteɛ

sesa

Rifampicin yɛ pɔlekitide(polyketide) a ɛka nnuro binom a wɔfrɛ no ansamycins ho,a wɔato no din saa esiane sɛdeɛ ɛteɛ na ɛwɔ naftɔkinɔne(naphthoquinone)no nti.

Nkitahodie

sesa

Rifampicin yɛ aduro a ano yɛ den pa ara wɔ hɛpatik sytɔkrom(cytochrome)abusuakuo no mu a ɛbi ne: CYP2B6, CYP2C8, CYP2C9, CYP2C19, CYP3A4, CYP3A5, ne CYP3A7.Ɛma nnuro binom yɛ adwuma ntɛm na ɛba no saa a,ɛnam sɛdeɛ aduro no ahyehyɛ so ma nahoɔden kɔ fam.

Abakɔsɛm

sesa

Wɔ 1957 mu no,wɔsaa anwea kakra firii pine kwaeɛ a ɛwɔ Frɛnch nsutene no mu de yɛɛ nhwehwɛmu de kɔɔ Lepetit nnurokuo nhwehwɛmu a ɛwɔ Milan,Italy. Ɛhɔ no,nhwehwɛmukuo bi a Piero Sensi ne Maria Teresa Timbal da wɔn ano no nyaa bacterium foforɔ.Saa afifideɛ yi de nneɛma foforɔ bi baeɛ ne antibayotese nnwuma bi.

Asetena ne Amammerɛ

sesa

Kokoram farebae nkekaeɛ

sesa

Wɔ Ɔsanaa bosome mu 2020 no,ɛyɛ U.S nnuane ne nnurokuo(FDA) bɛhunuu nitrosamine nkekaeɛ wɔ rifampin binom mu.

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ

sesa
  1. Rifampin Monograph for Professionals - Drugs.com, 2015-09-07, archived from the original on 2015-09-07, retrieved 2024-08-25{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  2. World Health Organization, World Health Organization (2010), Treatment of tuberculosis: guidelines (in English), retrieved 2024-08-25